Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 26 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn man no anidaso

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase so sɛ: Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den ɔde nkwagye ayɛ afasu ne mpempe.

2 Munhiɛ apon no na ɔman trenee nhyɛn mu, ɔman a wɔkora nokwaredi no.

3 Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ wo so na ɔde ne ho to.

4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, efisɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan.

5 Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kurow a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama adu fam, wama aka fam mfutuma;

6 wɔde nan tiatia so, mmɔborɔfo anan, ahiafo anammɔn.

7 Ɔtreneeni kwan yɛ tee, wo na wosesɛw ɔtreneeni tempɔn.

8 Nso w’atemmu kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkae.

9 Me kra ani gyina wo anadwo, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmude ka asase a, wiasefo sua trenee.

10 Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu AWURADE kɛseyɛ.

11 O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔanhwɛ; wobehu, na wɔn ani awu, ɔman ho ninkuntwe no; yiw, w’atamfo no, ogya bɛhyew wɔn.

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn, na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn.

13 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ wo abedi yɛn so, nanso wo nko na yɛkamfo wo din.

14 Awufo rentena ase, asamanfo rensɔre bio, ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso na wosɛee wɔn, na womaa wɔn ho nkae nyinaa yerae.

15 AWURADE, woma ɔman no dɔ, woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu.

16 AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wosii wo nteɛso ano apini.

17 Sɛ onyinsɛnfo a ɔbɛn awo kyem na ɔteɛm ne yaw mu no, sɛ yɛte, wo, AWURADE, anim ne no;

18 yenyinsɛnee, yɛkyemee; ɛte sɛ yɛawo mframa. Yentumi nnyee asase nkwa, na wiase tefo nhwehwee ase.

19 W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu.

20 Me man, bra na bɛhyɛ wo mpia mu, na toto w’akyi apon mu; fa wo ho hintaw kakraa bi kosi sɛ abufuw no betwam akɔ.

21 Na hwɛ, AWURADE refi n’afa abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan