Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 25 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE boa so nkamfo

1 AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete bemee agyinatu atim ayɛ nokware.

2 Na woadan kurow afabo kuw, woama abandennen ayɛ abansin; ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio, na wɔrento bio da biara da.

3 Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo anuonyam, amanaman ahoɔdenfo kurow besuro wo.

4 Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini, atirimmɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu.

5 Wobrɛɛ ananafo hooyɛ ase sɛ nkyerekyerewa so ahohuru; nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase sɛ omununkum nwini ase ahohuru.


Amanaman apontow Sion bepɔw so

6 Na asafo AWURADE bɛtow aman nyinaa pon Sradeduan, nsa a akyɛ, srade ne hon, nsa a wɔasɔn so.

7 Na bepɔw yi so na obeyi anim ntama a ɛkataa aman nyinaa anim, ne nkataso a ɛkataa amanaman nyinaa so no. Ɔbɛmene owu akosi daa.

8 Na AWURADE bɛpopa aniwa nyinaa mu nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ AWURADE na waka.

9 Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; AWURADE a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.

10 Na AWURADE nsa besi bepɔw yi so; na wobetiatia Moab so n’afa, sɛ wotiatia nwura dodow so wɔ sumina so;

11 na mpo wɔbɛtrɛw wɔn nsam wɔ mu, sɛnea osuguarefo trɛw ne nsam guare no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.

12 Na w’afasu a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiriw agu fam, mfutuma mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan