Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 24 - KYERƐW KRONKRON


Asase ho atemmusɛm

1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete,

2 na sɛnea ɛbɛyɛ ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ ɔsɔfo ara nen, sɛ ɛbɛyɛ akoa no, saa ara na ɛbɛyɛ ne wura, na sɛ ɛbɛyɛ afenaa no, sɛ ɛbɛyɛ n’awuraa ara nen, na ɛbɛyɛ ɔtɔfo sɛ ɔtɔnfo, ne ɔdefirifo sɛ ɔdefɛmfo pɛ, na nea ɛbɛyɛ ɔkafo no, sɛ ɛbɛyɛ ɔkafoni ne no.

3 Wɔbɛsɛe asase pasaa, na wɔafow no pasaa, efisɛ AWURADE na waka asɛm yi.

4 Asase abotow na akisa, asase asɛe, na akisa, na ɔsoro ne asase so anuonyamfo asɛe.

5 Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.

6 Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo hu amane wɔn bɔne nti; enti na asase sofo ahyew, na aka so nnipa ketewaa bi.

7 Nsamono twa adwo, obobe asɛe; wɔn a wɔn koma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;

8 Mpintin ho ahurusidi agyae, ahosɛpɛwfo hooyɛ to atwa, ɔsanku ho ahurusidi agyae;

9 wɔmfa dwonto nnom nsa, nsa yɛ ne nomfo nwene.

10 Wɔaburuw sakasaka kurow no, wɔatoto afi nyinaa mu mma obi nkɔ mu.

11 Wosu bobesa kɔm mmorɔn so, anigye nyinaa agu, asase so ahurusidi atu kɔ.

12 Nea aka kurow mu ne ɔsɛe, wɔabubu kurow apon pasaa.

13 Na saa na ɛbɛba asase no so, aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi.

14 Wɔn de, wɔde anigye bɛma wɔn nne so ato dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛw bɛteɛm afi atɔe fam.

15 Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam, ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.

16 Yɛte ayeyi nnwom a efi asase ano sɛ: Anuonyam nka ɔtreneeni no. Na mise: Meresa, meresa, minnue! Atorofo retwa atoro, ampa ara atorofo retwa atoro pii.

17 Ehu ne oku ne afiri da hɔ ma wo a wote asase so;

18 na nea oguan fi ehu nkate ho no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku no mu no, wɔde afiri yi no. Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere ma asase nnyinaso wosowosow.

19 Oburuw na asase buruw pasaa, ɔpae na asase pae, ɔpopo na asase popo.

20 Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na ehinhim sɛ asesewa bi na ne mmarato ayɛ no so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam.

22 Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛ wɔboaboa nneduafo ano amoa mu na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.

23 Na ɔsram ani bedum, na owia anim agu ase, efisɛ asafo AWURADE di hene Sion bepɔw so ne Yerusalem, ne ne mpanyimfo anim anuonyam mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan