Yesaia 23 - KYERƐW KRONKRONTiro ho atemmusɛm 1 Tiro ho atemmusɛm. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe Tiro abandennen no, ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn. 2 Mo mpoanofo, monyɛ komm! Sidon aguadifo a wotwa po no yɛɛ wo ma; 3 na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo. 4 Sidon, ma w’ani nwu; na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa. 5 Misraim te nka ara pɛ, ebedi Tiro asɛm no ho yaw kɛse. 6 Muntwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofo, muntwa adwo. 7 So eyi ne mo ahurusidi kurow a efi tete bemee ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no? 8 Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi hyɛɛ Tiro abotirimafo no, a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko, na n’adetɔnfo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no? 9 Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ obegurow ahoɔfɛ ne ahantan nyinaa, na wahura asase so anuonyamfo nyinaa ho. 10 Twam kɔ w’asase so sɛ Nil; O Tarsis ahyɛn nkyekyeremu bi nni hɔ bio. 11 Wateɛ ne nsa akyerɛ po so, wawosow ahenni horow, AWURADE ahyɛ Kanaan so mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛse. 12 Na ɔkae sɛ: Nkɔ so nni ahurusi bio, Sidon ba ababaa a wɔabɔ wo adapaa. Sɔre na twam kɔ Kipro, mpo ɛhɔ nso worennya ɔhome. 13 Hwɛ, Kaldeafo asase no, ɔman yi a anka wɔnyɛ ɔman, Asiriafo ayi ama sare so mmoa, wosii wɔn abantenten wɔ so, wodwiridwiriw n’aban, na wɔma egui. 14 Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe mo aban. 15 Na da no ɛbɛba sɛ werɛ befi Tiro mfe aduɔson a ɛte sɛ ɔhene biako bere; mfirihyia aduɔson no akyi no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ aguaman dwom no: 16 Fa ɔsanku kyin kurow mu, aguaman a werɛ afi wo, bɔ sanku dɛdɛ, na to dwom pii, nea ɛbɛyɛ na wɔakae wo. 17 Na mfe aduɔson no akyi no, AWURADE bɛba abɛhwɛ Tiro bio, na wasan anya n’apaade, na ɔne asase so ahenni a ɛwɔ asase ani nyinaa akɔbɔ aguaman bio; 18 na n’aguade ne n’apaade bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetiri, na wɔrentia; na n’aguade bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no de, na wɔadi amee, na wɔafura ntama pa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana