Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 22 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem ateɛteɛ

1 Adehu bon no ho atemmusɛm: Ɛdɛn na ɛyɛ wo na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?

2 Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kurow, ahosɛpɛw kurow, w’atɔfo antotɔ afoa ano, na wɔanwuwu ɔko mu.

3 Wo mmapɔmma nyinaa abom aguanguan kɔ; ɛnyɛ ta na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa a wohuu wɔn no nyinaa, woguan kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa.

4 Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.

5 Na AWURADE, asafo AWURADE wɔ da bi, ɛyɛ hooyɛ ne ntiatiaso ne ahoyeraw da, adehu bon no mu, wodwiriw fasu no, wɔteɛm ma egyigye mmepɔw so.

6 Na Elam so agyan kotoku mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔfo reba, na Kir nso ayi kyɛm adi;

7 na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo abon a ɛyɛ fɛ no amaama na apɔnkɔfo nso agyinagyina kurow pon ano.

8 Na obeyi Yuda so nkataho no. Na ɛda no, wode w’ani bɛto kwae fi no mu akode so,

9 na Dawid kurow no mu mpaepae no, mubehu sɛ ayɛ bebree, na moaboa ase tare no mu nsu ano;

10 na mobɛkan Yerusalem adan, na moaburuw adan no, sɛ mode rewowaw fasu no;

11 na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.

12 Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,

13 Na hwɛ, ahosɛpɛw ne anigye, anantwi menetwa ne nguan kum, namdi ne nsanom ni: Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.

14 Na asafo AWURADE ayi me asitiw sɛ: Wɔremfa amumɔyɛ yi mfiri mo kosi bere a mubewuwu: AWURADE, asafo AWURADE, na ose.


Sebna asehwe

15 Sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Kɔ ofie panyin Sebna yi a odi ofi no so no nkyɛn sɛ:

16 Ɛdɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɛhena na wowɔ no ha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ nea ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!

17 Hwɛ, AWURADE bɛtow wo akyene anibere so, Yiw ɔbran katakyi obeso wo mu dennen,

18 na wahwim wo atow wo sɛ okowa akyene asase a ɛtrɛw so, ɛhɔ na wobɛkɔ akowu, na ɛhɔ na w’anuonyam nteaseɛnam bɛkɔ, wo a woyɛ wo wura fi ahohora.

19 Na mesum wo afi wo sibea, na wɔadwiriw wo afi wo gyinabea.


Wɔma Eliakim so

20 Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim maba,

21 na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔso mabɔ no so, na mede wo panyinni mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfo ne Yuda fi.

22 Na mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ.

23 Na mɛyɛ no sɛ bofunnua mabɔ nea ɛhɔ yɛ den, na wayɛ anuonyam agua ama n’agya fi;

24 na wɔde n’agya fi anuonyam nyinaa bɛma no, n’asefo ne mmanana nyinaa, nneɛma nketenkete nyinaa, efi nyowa so kosi nhina nyinaa so.

25 Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan