Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 21 - KYERƐW KRONKRON


Babel Edom ne Arabia ho atemmusɛm

1 Atemmusɛm a ɛfa Mpoano sare so aman ho ni: Sɛ ahum tutu fi Negeb fam ba no, saa ara na efi anwea so, efi asase a ɛso yɛ hu so ba.

2 Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.

3 Enti m’asen mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɔkyem aka me sɛ ɔbea ɔwofo kyem; yaw a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyeraw me nti, minhu ade,

4 me koma bɔ me paa paa, ehu ama mayɛ sipiripii, ama anadwofa hann a mehwehwɛe no adan me ahopopo ara nko.

5 Wɔtow pon, wɔsesɛw nkuntu akɛtɛ, wodidi na wɔnom. Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo,

6 Na nea Awurade ka kyerɛɛ me ni: Kɔ, fa ɔwɛmfo kogyina hɔ, nea obehu no, ɔnka.

7 Sɛ ohu nteaseɛnam, apɔnkɔsotefo baanu baanu, nteaseɛnam ne mfurum, nteaseɛnam ne yoma a; ma ɔwɛn n’aso yiye na ɔwɛn pa ara.

8 Na ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O Awurade, migyina awɛnee ha ara daa ne daa, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa,

9 Hwɛ nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefo baanu baanu na wɔreba yi. Na ogyee so sɛ: Ahwe ase oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.

10 M’ade a wɔaporow ne m’awiporowee ase ba! Nea mate asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, anom no na maka makyerɛ wo yi.


Duma a ɛne Edom ho atemmusɛm

11 Duma ho atemmusɛm ni: Obi bɔn me fi Seir sɛ: Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni? Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni?

12 Ɔwɛmfo no se: Ade rekye, na adesae nso reba; sɛ mubebisa a, mummisa, monsan mmra.


Arabia ho atemmusɛm

13 Arabia ho atemmusɛm ni: Dedan akwantufo asafo, anwea pradada so Arabia na mobɛsoɛ.

14 Momfa nsu mmehyia wɔn a osukɔm de wɔn, Tema asase sofo, momfa abodoo mmehyia aguanfo;

15 efisɛ wɔaguan afi mfoa ano, afoa a wɔatwe ne ɔta a wɔapono ne ɔko dennen ano.

16 Na nea Awurade ka kyerɛɛ me ni: Ɛha afe, sɛ ɔpaani mfe te no, na Kedar anuonyam nyinaa asa koraa,

17 na Kedar mma mu nnɔmmarima ta dodow nkae no besua, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, na aka.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan