Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 20 - KYERƐW KRONKRON


Asiriafo nkonimdifo

1 Afe a Tartan baa Asdod, bere a Asaria hene Sargon somaa no na ɔne Asdod koe na odii nkonim no,

2 bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee.

3 Na AWURADE kae sɛ: Sɛnea m’akoa Yesaia nam adagyaw ne nammɔnhunu, na wayɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade mfensa Misraim ne Etiopia ho yi,

4 saa ara nso na Asaria hene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia tukɔfo, mmerante ne mpanyin akɔ na wɔanantew adagyaw ne nammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.

5 Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da so ne Misraim a ɛyɛ wɔn anuonyam no ho,

6 na ɛpo yi anofo bɛka ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛ yɛn anidaso a yeguan kɔdɔɔ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asaria hene anim no te ni! Na afei yɛn de, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafi mu?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan