Yesaia 2 - KYERƐW KRONKRONDaadaa asomdwoe ( Mika 4.1-3 ) 1 Asɛm a Amos ba Yesaia hui Yuda ne Yerusalem ho ni: 2 Na nna a ɛreba no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem. 4 Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Ahantan so atemmu 5 O Yakob fi, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew AWURADE hann no mu. 6 Na woagyaw wo man, O Yakob fi, efisɛ apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfo, sɛ Filistifo, na wɔne ananafo fa ayɔnko. 7 Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma, na wɔn akorade nni ano; apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma, na wɔn nteaseɛnam nni ano. 8 Abosonhuhuw nso ahyehyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano nnwuma na wɔsom, ade a wɔn nsatea ayɛ. 9 Enti wɔbrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa mfiri wɔn. 10 AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ anuonyam nti, hyɛn ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfutuma mu. 11 Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. 12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba atia nea ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa, ne nea wɔama so nyinaa so, 13 na ɛbɛba atia Lebanon nkyeneduru a ɛware na ɛkorɔn nyinaa, ne Basan nnupɔn nyinaa so, 14 ne mmepɔw atenten nyinaa, ne nkoko a wɔama so nyinaa so, 15 ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa, ne afasu a ɛyɛ den nyinaa so, 16 ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so. 17 Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na nnipa ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. 18 Na abosonhuhuw no betu ayera koraa. 19 Monhyɛn abodan ne abotan mu, ntokuru ne fam amoa mu, afi AWURADE ho hu anim, ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no. 20 Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan, 21 na wahyɛn abotan ntokuru ne abo mpaepae mu, afi AWURADE ho hu anim, ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no. 22 Montwe mo ho mfi onipa a ahome wɔ ne hwenem no ho, na wobu no dɛn koraa? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana