Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 19 - KYERƐW KRONKRON


Misraim ho atemmusɛm

1 Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.

2 Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.

3 Na Misraim honhom bɛsa wɔ ne mu, na n’agyinatu nso, mahwete na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo ne asamanfrɛfo ne asumanfo.

4 Na mede Misraimfo mɛhyɛ owura tirimmɔdenfo nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ose.

5 Na asubɔnten Nil mu nsu bɛyow, na asu no bɛmem na asa ayɛ kesee,

6 na nsubɔnten no bɛbɔn, na Misraim nsuka no atwe asa nnemmire ne sakran benyinnyam.

7 Nil kɔn so ne Nil ano wura a efuw ne ade a wɔadua Nil ho nyinaa bɛhyew apete asɛe pasaa;

8 na apofofo no begu ahome, na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa adi nkɔmmɔ, na nsu no ani asawugufo ahodwow;

9 na siwabiri mfuturu srɛnfo ne nweranwemfo ani bewu.

10 Asase no adum bebubu na apaadifo nyinaa werɛ ahow.

11 Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, na Farao afotufo mu anyansafo afotu adan nkwaseasɛm. Ɛdɛn na muse Farao sɛ: Anyansafo ba ne me, tete ahene no ba?

12 Ɛhe na afei w’anyansafo no wɔ? Na wonyi nkyerɛ wo, na wonhu agyina a asafo AWURADE atu, Misraim so.

13 Soan mmapɔmma adan nkwasea, na Memfis mmapɔmma nso ayera, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuw no mu tweabo adaadaa Misraim.

14 AWURADE ahwie anisobiri honhom agu no mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛe nyinaa mu, sɛnea ɔsabofo yantam ne fe mu no.

15 Na biribiara nni hɔ a eti anaa dua, mpopa anaa mmɛw, betumi ayɛ ama Misraim.


Misraim, Asaria ne Israel yɛ biako

16 Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmea, na wobesuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosow a ɔbɛwosow wɔ wɔn so no nti.

17 Na Yuda asase ho bɛyɛ Misraim hu, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu, Misraim ho no nti.

18 Ɛda no, Misraim asase so ahenkurow anum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; na wɔbɛfrɛ biako sɛ: Ɔsɛe kurow.

19 Ɛda no na wɔde afɔremuka besi Misraim asase mfinimfini ama AWURADE, na ɔbodum besi ne hye ho ama AWURADE,

20 na ayɛ sɛnkyerɛnne ne adanse ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wosu frɛ AWURADE, ahawfo anim a, wasoma ogyefo ne ɔsɛnnifo aba wɔn nkyɛn abegye wɔn.

21 Na AWURADE beyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfo behu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔre ne ayɛyɛde asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.

22 Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yare; na wɔbɛsan aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yare.

23 Ɛda no, ɔtempɔn bɛda afi Misraim akɔ Asiria, na Asiriafo aba Misraim, na Misraimfo akɔ Asiria, na Misraimfo ne Asiriafo abom asom.

24 Ɛda no, Israel bɛto Misraim ne Asaria so abiɛsa ayɛ nhyira, asase mfinimfini,

25 esiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asaria ne m’agyapade Israel.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan