Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 18 - KYERƐW KRONKRON


Etiopia hyɛ Onyankopɔn anuonyam

1 Aa, asase a wɔte ntaban nnyigyei wɔ so, a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten agya noho.

2 Wɔsoma abɔfo fa asubɔnten Nil ani a wɔtete sakran akorow mu de nam nsu ani no fa po so se: Abɔfo a mo ho yɛ hare, monkɔ ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu fi ha de rekɔ no, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa wɔn asase mu no.

3 Mo wiasefo ne asase sotefo nyinaa, sɛ wosi mmepɔw so frankaa sɛ nsɛnkyerɛnne a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, muntie.

4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni: Mɛtena m’agua so mahwɛ komm, sɛ awia ketee ahohuru mu, sɛ twabere ahohuru mu bosu mununkum.

5 Na ennya nnuu twabere a nhwiren no aporow na dwennaa reyɛ bobe kasiaw a ɛregyigye no, ɔde dade betwitwa abaa no agu, na wayi ne nhama no abubu mu;

6 wobegyaw ne nyinaa ama mmepɔw so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bedi so ahohurubere, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔwbere.

7 Ɛbere no mu na wɔde ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw bɛyɛ ayɛyɛde abrɛ asafo AWURADE wɔn a wofi ɔman a wɔn ho yɛ hu ara fi ha de rekɔ no mu, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa n’asase mu no, wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenae a ɛne Sion bepɔw no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan