Yesaia 17 - KYERƐW KRONKRONDamasko ho atemmusɛm 1 Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ ahenkurow bio, na ɛbɛyɛ afabo kuw. 2 Wɔagyaw Aroer nkurow, mmoakuw afa na wobutubutuw hɔ, na nea obetu wɔn nni hɔ. 3 Na wɔbɛsɛe Efraim abandennen ne Damasko ahenni, na Siria nkae bɛyɛ sɛ Israelfo anuonyam no: Asafo AWURADE na ose. Israel ho atemmusɛm 4 Ɛda no, Yakob anuonyam no besua, na ne honam a adɔ srade no betwam; 5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafo buma awi a esisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ nea odi awi mmɛtem mu mpɛpɛwa Refaim bon no mu. 6 Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngo dua porow mu a aba abien anaa abiɛsa wɔ ntɛntɛnoa, anan anaa anum wɔ n’abaa a asow yiye no so no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ose. 7 Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no; 8 na ɔrenhwɛ afɔremuka a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsatea ayɛ no, ɔremmu bio. 9 Ɛda no na ne nkurow a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifo ne Amorifo nkurow a wɔagyaw wɔ kwae mu ne mmepɔw atifi a wogyawee wɔ Israelfo anim no, na ayeyɛ akurofo. 10 Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn, na w’ahoɔden botan no, wonkae no; enti wudua nnua afɛfɛ na wotɛw ananafo nyame som; 11 woma efifi da a wuduae no, na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm, woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ, amane ne yaw a enni awiei. Amanaman po no huuyɛ 12 Ao, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ Ao, aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsu a ɛyɛ den hooyɛ! 13 Aman no yɛ hoo sɛ nsu bebree hooyɛ, ɔka wɔn ma woguan kɔ akyirikyiri, na wotiw wɔn sɛ mmepɔw so ntɛtɛwa, mframa anim, ne mframaden ne mu tutuw, ahum anim. 14 Anwummere no, na hwɛ, piriwbɔ aba; ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio. Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa ne yɛn afowfo ade a wonya. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana