Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 15 - KYERƐW KRONKRON


Moab ho atemmusɛm

1 Moab ho atemmusɛm. Sɛ anadwo biako wɔasɛe Ar-moab abɔ no, sɛ anadwo biako wɔasɛe Kir-moab abɔ no nti,

2 wɔreforo akɔ Dibon ne sorɔnsorɔmmea akosu, Nebo ne Medeba; Moab retwa adwo, wɔn nyinaa abobɔ tikwaw wɔn nyinaa ayiyi wɔn bogyesɛ;

3 wofurafura atweaatam, wɔn mmorɔn so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpɔtam, wɔn nyinaa retwa adwo, nusu abu wɔn kɔn.

4 Na Hesbon ne Eleale teɛm ma wɔte wɔn nne kodu Yahas, eyi nti na Moab akofo teɛm dennen; ne kra ho popo.

5 Me koma su ma Moab, na n’aguanfo kodu Soar, kodu Eglat-selisiya, na Luhit aforoe no, wɔde nusu foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛe adwotwa so.

6 Na Nimrim asu no asɛe pɔtɔɔ, na sare aguan, na wura asa, wura momono nni hɔ bio.

7 Enti ade a wɔanya asie ne wɔn akorade no, wɔsoa kotwa Mpampuro Subon.

8 Na osu no atwa Moab asase so ahyia, ne su adu Eglaim, ne su nso adu Beer-elim.

9 Na mogya ayɛ Dimon nsu no ma, na mede ade foforo nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab aguanfo ne asase no so nkae no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan