Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 14 - KYERƐW KRONKRON


Babel hene asehwe

1 Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.

2 Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fi afa wɔn adi AWURADE asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so.

3 Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afi wo yaw ne w’ahoyeraw ne w’anyadi dennen a wodii wo no mu no,

4 wɔbɛbɔ Babel hene akutia sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhawfo no agyae, na ahoguan no to atwa yi?

5 AWURADE abubu abɔnefo abaa ne wɔn a wodi panyin poma no mu;

6 ɔde abufufa bobɔɔ aman ɔbɔ a ennyae da, ɔde abufuw bedi amanaman no so ɔbɛhyɛ wɔn ahometew a emu yɛ den.

7 Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm; mpofirim ara wɔma dwom so;

8 ɔpopaw nso nya wo ho anigye, ɛne Lebanon nkyeneduru, na ɛka sɛ: Sɛ woakɔda yi, obi remforo mma yɛn so mmɛtow yɛn.

9 Asamando keka ne ho rebehyia wo ba a woreba no; ɛrehwanyan nsamanfo ahyia wo, asase so akunini nyinaa; ɛma amanaman ahene nyinaa sɔresɔre fi wɔn agua so.

10 Wɔn nyinaa begye so aka akyerɛ wo sɛ: Wo nso woagurow te sɛ yɛn ara, woayɛ sɛ yɛn ara pɛ!

11 Wo kɛseyɛ asian aba asaman, ne wo mmɛnta sanku nne no nso; w’ase kɛtɛ ne mmoawa manyamanya, na wo so nkataso ne asonson!

12 Woafi soro ahwe ase, nsoromma hyerɛnfo, adekyee ba, Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman ase no.

13 Na wo de, wokae wo komam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makɔ, Onyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahengua so masi, na matena ahyiae bepɔw no so, atifi fam asase ano noho tɔnn;

14 mɛforo makɔ omununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ ɔsorosoroni no.

15 Mmom asaman na woresian akɔ akodu amoa no ase tɔnn.

16 Wɔn a wohu wo no hwɛ wo dinn de wɔn ani kari wo komm ka sɛ: Ɔbarima a ɔmaa asase wosowee na ɔmaa ahenni hinhimii no ni?

17 Nea ɔmaa wiase dan anwea so na oburuburuw emu nkurow, na wannyaw emu nneduafo kwan ankɔ ofie no ni?

18 Amanaman ahene nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ anuonyam mu, obiara da ne damoa mu;

19 na wo de, wɔatow wo afi wo damoa mu akyene sɛ dubaa a wɔapo no; sɛ atɔfo a afoa ahwirew wɔn mu na wɔasian akɔ abo amoa mu no adurade, sɛ funu a wɔatiatia so.

20 Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, efisɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo nkurɔfo. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfo asefo din da biara da bio.

21 Wɔn agyanom amumɔyɛ nti, munsiesie akumii mma ne mma; na wɔansɔre amfa asase anni so, na wɔamfa nkurow anyɛ asase ani ma.

22 Na mɛsɔre mahyɛ wɔn, asafo AWURADE asɛm ni, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana, mafi Babel, AWURADE na ose.

23 Na mede no mɛyɛ mpɛsɛe agyapade ne nsu atare, na mede ɔsɛe prae mapra no, asafo AWURADE asɛm ni.


Asiriafo ne Filistifo ho atemmusɛm

24 Asafo AWURADE aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, saa ara nso na ebegyina,

25 sɛ mebubu Asiriafo m’asase so, na matiatia no so, me mmepɔw so, ne kɔndua no befi wɔn so akɔ, na n’adesoa no afi wɔn mmati so.

26 Ɛno ne pɔw a wɔabɔ afa asase nyinaa ho, na ɛno ne nsa a wɔateɛ, amanaman nyinaa so.

27 Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hena na ɔbɛma ayɛ ɔkwa? Na ne nsa ateɛ, hena na obesianka no?

28 Afe a ɔhene Ahas wui no mu na atemmusɛm yi bae.

29 Nni ahurusi, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee wo no abu, na ɔwɔ ntini no mu na ɔkyereben befi aba, na n’aba nso ayɛ ogya wɔ a otu.

30 Na mmɔborɔfo mmakan bedidi, na ahiafo nso adeda hɔ dwoodwoo; na mede ɔkɔm mekum wo ntini, na w’akyikafo nso, mɛma wɔatotɔ.

31 Kurow pon, twa adwo, kurokɛse, teɛm ɛ! Wo Filistia nyinaa ma wo bo ntu, efisɛ owusiw fi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyiri.

32 Na asɛm bɛn na wɔde bebua ɔman no abɔfo? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufo te mu dwoodwoo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan