Yesaia 13 - KYERƐW KRONKRONBabel ho atemmusɛm 1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni: 2 Munsi frankaa bepɔw petee so, momma mo nne so mma wɔn, munhinhim mo nsa, na wɔnhyɛn mmapɔmma abobow mu. 3 M’ankasa na mahyɛ m’ahotewfo, na mafrɛ me nnɔmmarima nso mama m’abufuw, wɔn a wodi me kɛseyɛ ho ahurusi no. 4 Tie osebɔ gyegyeegye wɔ mmepɔw so, sɛ nkurɔfo bebree nne te no. Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano, ahenni horow huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE rehwehwɛ asraafo akɔ sa. 5 Wofi akyirikyiri asase so ne ɔsoro awiei reba, AWURADE ne n’abufuhyew akode no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa. 6 Munsu na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no. 7 Enti nsa nyinaa mu begow, na ɔdesani biara koma bebubu; 8 na wɔn ho bedwiriw wɔn, nketenkete ne awerɛhow bekita wɔn, wobehu yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo; wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ohufo anim. 9 Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimmɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase no afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so. 10 Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia beduru sum n’adifi mu, na ɔsram nso renharan. 11 Na mɛba mabɛtwe wiase aso, ne bɔne ho, ne abɔnefo aso, wɔn amumɔyɛ ho, na mama ahantanfo ahomaso no to atwa, na ahupoofo ahokyerɛ abrɛ ase; 12 mɛma ɔdasani ho ayɛ na asen sika amapa, na onipa sen Ofir sika kɔkɔɔ. 13 Enti mɛma ɔsoro awosow, na asase ahinhim afi ne sibea, asafo AWURADE abufufa no ano ne n’abufuhyew da no nti. 14 Na wɔbɛdannan wɔn ho akokɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn nsaase so sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo taa no, ne nguan a obi mmoa wɔn ano. 15 Obiara a wobehu no no, wobehwirew no mu, na obiara a wɔbɛkyere no, no bɛtɔ nkrante ano; 16 na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔn anim, wɔbɛfofow wɔn afi, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa. 17 Hwɛ, merehwanyan Mediafo mahyɛ wɔn, nnipa a wommu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ; 18 wɔn mmɛmma bɛbobɔ mmerante, wɔn yam renhyehye wɔn ɔyafunum mma po ho, na wɔn aniwa renkyɛe mmofra so. 19 Na Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini, ne Kaldeafo kɛseyɛ anuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no. 20 Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani biara rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ; 21 na sare so mmoa a wɔyɛ keka na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na sasabonsam asaw hɔnom; 22 na nkuntumpaa besu n’aban mu, ne sakraman nso, anigye aban no mu. Na ne bere abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛ bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana