Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 11 - KYERƐW KRONKRON


Asomdwoe ahemman no

1 Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.

2 Na AWURADE honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,

4 na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo;

5 na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso, na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu.

6 Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtena faako, na abofra ketewa aka wɔn.

7 Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi.

8 Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bon.

9 Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na AWURADE hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.


Ɔman no mu wɔn a wɔapete no bɛsan aba

10 Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.

11 Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.

12 Na wama amanaman no nsɛnkyerɛnne, na wapɔn Israel asesafo aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi wiase afanan so abehyia.

13 Na Efraim anibere befi akɔ, na Yuda ahohiafo ase agu; Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.

14 Na wobetu akosi Filistifo mmati so atɔe fam, wɔbɛbom afow apueifo; Edom ne Moab bɛka wɔn nsa, na Amon mma atie wɔn.

15 Na AWURADE bɛyow Misraim po mu nsu korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehye bɛwosow ne nsa akyerɛ asu Eufrate so, na wabɔ no ma adan nsuwansuwa ason na wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.

16 Na ɔtempɔn bɛda hɔ afi Asaria ama ne man nkae a wɔaka no, sɛnea ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wofi Misraim asase so bae no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan