Yesaia 10 - KYERƐW KRONKRONAtemmufo bɔne asotwe 1 Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara, 2 sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa. 3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu? Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa, na ɛhe na mubegyaw mo agyapade no? 4 Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafo mu na wɔne atɔfo atotɔ afra. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara. 5 Due, Asiria, m’abufuw abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyew! 6 Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte. 7 Nso ɔno de, ɛnyɛ saa na odwen, na ne koma nsusuw no sa, na ɛwɔ ne koma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii. 8 Efisɛ ɔka sɛ: So m’asafohene nyɛ ahene nko ara? 9 So Kalno nte sɛ Karkemis, na Hamat nte sɛ Arpad, na Samaria nte sɛ Damasko? 10 Sɛnea me nsa kaa ahenni a wɔn abosonhuhuw ne ahoni sen Yerusalem ne Samaria de no, 11 so ɛnyɛ sɛnea meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuw no na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso? 12 Na sɛ Awurade nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asaria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka. 13 Efisɛ ose: Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ, efisɛ mewɔ nhumu; ne ntease na matwiw aman no ahye, na mafow wɔn akorade, na masunsum wɔn a wɔtete agua so magu, sɛ ɔbran. 14 Na me nsa aka aman no ahonyade sɛ berebuw; ne ɔman no agyapade na sɛ wɔtase nkesua a wɔagyaw no, sɛ me nso matase asase nyinaa ne no, obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtɛɛ n’anom anaasɛ osui twee twee. 15 So akuma hoahoa ne ho nea ɔde twa ade no so, anaasɛ ɔwan ma ne ho so nea ɔtwe no no so? Sɛ gyama dua tumi him nea ɔma so no, anaasɛ poma tumi ma nea ɔnyɛ dua no so. 16 Enti Otumfo, asafo AWURADE no, bɛma ɔfomfɔn aba n’abran mu, na wasɔ n’anuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛw. 17 Na Israel hann no bɛdan ogya, na ne kronkronni no dan gyaframa, na wadɛw ahyew ne nguare ne ne nsɔe da koro. 18 Na ne kwae ne ne mfuw anuonyam no, obefi ɔkra so kosi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefo a ɔyare rewie no kum. 19 Na ne kwae mu nnua nkae no besua a abofra po betumi akan. Nkae no sanba 20 Na da no, Israel nkae ne Yakob fi aguanfo no rentweri nea ɔhwee wɔn no bio, na wobetweri AWURADE, Israel kronkronni no, nokware mu. 21 Nkae no bɛsan aba, Yakob nkae bɛba Onyankopɔn tumfo no nkyɛn. 22 Na sɛ wo man Israel dodow te sɛ mpoano nwea a, nkae bi nko na ɛbɛsan aba. Wɔahyɛ ɔsɛe a ɛde trenee a ɛboro so bɛba. 23 Na ɔsɛe pasaa a wahyɛ no pintinn no na AWURADE, asafo AWURADE, de reba asase mu no nyinaa so. 24 Ne saa nti, sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Me man a wɔte Sion, munnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe wo, na ne poma na ɔbɛma so wo so, sɛ Misraim de no; 25 nanso aka ketewaa bi sɛɛ na abufuhyew no to atwa, na m’abufuw adan akɔdwerɛw wɔn. 26 Na asafo AWURADE behim mpire ahyɛ no, sɛ okum Midian, Oreb botan so no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim de no. 27 Na da no, n’adesoa beyi afi wo mmati so, na ne kɔndua afi wo kɔn so. Na srade nti kɔndua no bɛpae. 28 Waba Ayat afa Migron de n’akyi agyaw Mikmas; 29 wɔakɔfa mpɔtam hɔ, akɔsoɛ Geba anadwo no; Rama ho repopo, Gibea-saul aguan. 30 Ma wo nne so teɛm, Galim babea, Laisa, tie ɛ, Anatot, woyɛ mmɔbɔ! 31 Madmena reguan, Gebimfo reguan agye wɔn kra nkwa. 32 Ɛnnɛ ara wobegyina Nob, ɔwosow ne nsa gu Sion babea bepɔw, Yerusalem koko no, so. 33 Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, de tumi a ɛyɛ hu resuaw nnubaa kusuu no, nnutan a ɛwowaree no, wobetwa agu, na nea ɛkorɔn no abrɛ ase; 34 na ɔde dade behuw kwae mu adɔtɔ, na Lebanon ne ne nnua akɛse no ahwe ase. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana