Yeremia 9 - KYERƐW KRONKRONYeremia pa ne man ho abaw 1 O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo. 2 Sɛ minya akwantemfo asoɛe anwea so ɛ! Anka megyaw me man, na mafi wɔn nkyɛn makɔ! Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, nkɔnkɔnsafo asafo. 3 Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni. 4 Monhwɛ mo ho yiye mo yɔnkonom ho, na obi mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara nua, nsisi ara na osisi, na ɔyɔnko biara yɔnko nam di nseku. 5 Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfo nkontompo, na nokware de, wɔnka. Wɔma atosɛm ka kokwaw wɔn tɛkrɛma so, wodi abɔnefosɛm hyɛ wɔn ho brɛ. 6 Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni. 7 Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, mɛnan wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babea no ho? 8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ekum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoesɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu de, wɔtetɛw no. 9 So meremmɛtwe wɔn aso eyi nti? AWURADE asɛm ni, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ yi so were? 10 Mmepɔw no nti mitue osu ne nkɔmmɔdi, na sare so adidibea no nti meto osu dwom, efisɛ ahyew na obi mfa hɔ, na wɔnte mmoakuw nne bio; wim nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ. 11 Na mɛyɛ Yerusalem afabo akuwakuw, sakraman tenabea, na madan Yuda nkurow amamfo a obi nte hɔ. 12 Hena ne ɔba nyansafo a ɔbɛte eyi ase? Na hena na AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdɛn nti na asase no asɛe, na ahyew sɛ sare, na obi mfa so? 13 Na AWURADE se: Efisɛ wɔagyaw me mmara a mede misii wɔn anim, na wɔantie me, na wɔannantew mu nti a. 14 Na wodii wɔn koma denyɛ akyi ne Baalim akyi, sɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no. 15 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no se ni: Hwɛ, mede awɔnwene mɛma ɔman yi adi, na mede nsu a bɔre wɔ mu ama wɔanom. 16 Na mɛbɔ wɔn mapete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhuu wɔn da mu, na mama afoa adi wɔn akyi akosi sɛ mewie wɔn sɛe. 17 Sɛ asafo AWURADE se ni: Munnwen so na momfrɛ mmea a wonim osu mmra, na monsoma nkohyia mmea anyansafo, na wɔmmra, 18 ma wɔnyɛ ntɛm ntue yɛn ho kwadwom, na yɛn aniwa mporoporow nusu, na yɛn anisuatɛtɛw nsen nsu. 19 Na wɔte osu nka fi Sion: Yɛasɛe dɛn ara! Yɛn ani awu pii, efisɛ yɛagyaw asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu. 20 Na mo mmea, muntie AWURADE asɛm, na n’anom asɛm nkɔ mo asom, na monkyerɛ mo mmabea osu na monkyerɛkyerɛ mo ho kwadwom. 21 Na owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu ahyɛn yɛn aban afɛfɛ mu, atwitwa mmotafowa afi mmorɔn so, ne mmerante afi mmɔnten so. 22 Kasa: Sɛ AWURADE se ni: Nnipa afunu begugu hɔ sɛ mfuw so nwura dodow, sɛ awitwafo akyi afiafi, na obiara remmoa ano. 23 Sɛ AWURADE se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho, 24 na eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so, na eyi na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm ni. 25 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nna bi reba a mɛba abɛtwe twetiafo a wɔatena ase sɛ momonotofo no nyinaa aso, 26 Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana