Yeremia 8 - KYERƐW KRONKRONAtemmu no huyɛ 1 Ɛbere no mu no, AWURADE asɛm ni, wɔbɛsa Yuda ahene nnompe, ne n’asafohene nnompe, ne asɔfo nnompe, ne adiyifo nnompe, ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn adamoa mu, 2 na wɔahata wɔ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn na wodii akyi na wɔpɛɛ akyi kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina asase ani. 3 Na abusua bɔne yi mu nkae a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owu asen nkwa, wɔn a ɛkae mmaa nyinaa a mituu wɔn mekɔe no, asafo AWURADE asɛm ni. Bɔne ne asotwe 4 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So wɔhwe ase a, wɔnsɔre, anaasɛ wɔdan kɔ a, wɔnsan mma? 5 Yerusalem, ɛdɛn nti na ɔman yi adan wɔn ho a wɔnsan da? Wokura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsan ba. 6 Mawɛn m’aso matie, nso nea ɛnteɛ na wɔka; obiara nni hɔ a onu ne ho ne bɔne ho ka sɛ: Dɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm. 7 Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim po nim ne bere, aturukuku ne asomfena ne pokupoku wɛn wɔn ba bere, nanso me man nnim AWURADE ahyɛde. 8 Ɛdɛn na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafo, na AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Mmere a, hwɛ, kyerɛwfo atoro pɛnsere ama adan atoro. 9 Anyansafo ani bewu, wɔbɛbɔ piriw na wɔakyere wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ? 10 Ɛno nti mede wɔn yerenom mɛma afoforo, na mama ahɔho afa wɔn mfuw adi; na efi akumaa so kosi ɔkɛse so wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so wɔn nyinaa yɛ nkontompofo. 11 Na wɔsaa me man babea kuru adwenhare so sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ. 12 So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu; bere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose. 13 Bere a mɛsesaw wɔn makɔ no, AWURADE asɛm ni, wɔrenhu aba bi obobe ho, anaa borɔdɔma aba bi wɔ borɔdɔma nnua so, na ahaban mpo bɛhyew, na nea mede mama wɔn no befi wɔn nsa. 14 Yɛda so tete hɔ yɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛn nkurow a ɛyɛ den mu, na yenkowuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owu, na wama yɛn nsu a bɔre wɔ mu anom, efisɛ yɛayɛ AWURADE bɔne. 15 Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nso yiye bi mma, ne ɔyaresa bere nso, na hwɛ, abotutu nko. 16 Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo fi Dan; wɔn apɔnkɔnini su nti asase no nyinaa popo; efisɛ wɔba abedi asase ne ɛso ade nyinaa, nkurow ne wɔn a wɔte mu. 17 Na hwɛ, merema awɔ, nhurutoa a ntafowayi bi ntumi wɔn aba mo mu na wɔabɛkeka mo, AWURADE asɛm ni. Odiyifo no di awerɛhow 18 O, sɛ minya m’awerɛhow mu awerɛkyekye ɛ! Me koma abotow me mu. 19 Hwɛ, me man babea sufrɛ nne fi akyirikyiri asase so: So AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne ahuhude no ahuru me bo? 20 Twabere atwam, aduatew bere asa, na yɛn de, wonnyee yɛn ɛ. 21 Me man babea kuru nti mayɛ siamoo, mayɛ kusuu, ahodwiriw akita me. 22 So aduhuam bi nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafo bi nni hɔ? Na ɛdɛn nti na wonnya nsaa me man babea no yare ɛ? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana