Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 7 - KYERƐW KRONKRON


Aniani nyamesom

1 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn se:

2 Kogyina AWURADE fi ponkɛse mu, na kɔpae asɛm yi mu ka wɔ hɔ sɛ: Muntie AWURADE asɛm, mo Yudafo a mofa aponkɛse yi mu bɛsɔre AWURADE nyinaa.

3 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye, na mama moatena ha yi.

4 Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi ni!

5 Na sɛ moma mo akwan ne mo nsɛnnii yɛ yiye ampa, sɛ mubu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntrenee,

6 sɛ monhyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo so, na munhwie mogya a edi bem ngu ha yi, na munni anyame foforo akyi mfa nyɛ mo ho bɔne a,

7 ɛno na mɛma moatena ha yi, asase a mede memaa mo agyanom sɛ emfi daa nkosi daa no so.

8 Hwɛ, mode mo ho to atosɛm a enye mma hwee no so.

9 So mobɛbɔ korɔn, adi awu, asɛe aware, akeka ntanhunu, akɔhyew aduhuam ama Baal, akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi,

10 ansa na moaba abegyina m’anim ofi yi a wɔde me din ato no yi mu na moaka sɛ: Wɔayi yɛn afi mu! Nea ɛbɛyɛ na moakɔ so ayɛ akyide yi nyinaa anaa?

11 So adwowtwafo tu na ofi a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani so anaa? Me nso, hwɛ, mahu, AWURADE asɛm ni.

12 Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a miyii kan sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ nea me man Israel bɔne no nti mayɛ no.

13 Na afei, esiane sɛ moayɛ eyinom nyinaa, AWURADE asɛm ni, na matua ahema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye so nti,

14 mɛyɛ ofi a wɔde me din ato no a mode mo ho to so no, ne tenabea a mede memaa mo ne mo agyanom no, sɛnea meyɛɛ Silo no ara,

15 na matotow mo mafi m’anim magu, sɛnea metow mo nuanom nyinaa, Efraim asefo nyinaa, migui no.

16 Enti wo de, mpa kyɛw bi mma ɔman yi, nso mma wɔn ho nkɔmmɔdi ne mpaebɔ so, na nsrɛ mma wɔn, efisɛ merentie wo.

17 So wunhu nea wɔreyɛ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so no anaa?

18 Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmea fɔtɔw mmɔre sɛ wɔreyɛ tetare ama ɔsoro hemmaa no na wɔagu anyame foforo ahwiesa, de yi me abufuw.

19 So me na woyi me abufuw? AWURADE asɛm ni, so ɛnyɛ wɔn ho aniwu na wɔhyɛ?

20 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, wobehwie m’abufuw ne m’aboɔhyew agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wura mu nnua ne asase so aba so, na adɛw a ɛrennum.

21 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Momfa mo hyew afɔre nka mo kum afɔre ho, na munni nam.

22 Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Misraim asase so no, manka wɔn ɔhyew afɔre ne okum afɔre ho asɛm, na manhyɛ wɔn ɛho mmara bi;

23 na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Muntie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnantew me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yiye.

24 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim.

25 Efi da a mo agyanom fii Misraim asase so de besi nnɛ da yi, masoma me nkoa nyinaa, adiyifo no, aba mo nkyɛn; daa na mitua ahema mesoma wɔn,

26 nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom.

27 Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.

28 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔman a wontie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wontie nteɛso no; nokware asa, na atu afi wɔn anom.

29 Yi wo ti nwi gu, na twa mpampa pataa so agyaadwo, na AWURADE apa nnɛ mma a ne bo afuw wɔn no asum wɔn agu.

30 Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE se ni, wɔde wɔn akyide asisi ofi a wɔde me din ato no mu, de agu ho fi;

31 na wɔasisi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, de hyew wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn sa, na ɛmaa me komam da.

32 Enti sɛ AWURADE se ni, hwɛ, nna bi reba, a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bon bio, na mmom okum bon, na wobesie nnipa Tofet hɔ, siebea a wonnya nti.

33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na wɔrennya obi mpam wɔn.

34 Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan