Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 6 - KYERƐW KRONKRON


Atamfo atwa Yerusalem ho ahyia

1 O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam.

2 Ɔhoɔfɛfo a ɔkokɔ ne ho no, Sion babea no, metwa no akyene.

3 Mmoahwɛfo ne wɔn mmoakuw bɛba no so; wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia, na wɔn mu biara adidi n’afa.

4 Monnoa no so ɔsa; monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee. Yennue! Na ade resa, na anwummere sunsuma mu atwe.

5 Monsɔre mma yɛnkɔtoa no anadwo, na yɛnkɔsɛe n’ahemfi no.

6 Na sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn se ni: Montotow Yerusalem nnua ngu, na monhɔre ho mpempe, ɛyɛ kurow a ɛsɛ asotwe, amimdi nko ara na ɛwɔ mu.

7 Sɛ asubura mu nsu tue no, sɛ ne bɔne nso tue ne no; wɔte atirimmɔden ne nhyɛso nka wɔ mu, ɔyare ne akuru wɔ m’anim daa yi.

8 Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so, na me kra antwe amfi wo ho, na mamma woannan amamfo, asase a obiara nte so.

9 Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobedi Israel nkae ho mpɛpɛwa sɛ obobe ho. Himahima wo nsa kɔ nkyerɛnkyɛ mu sɛ obobe abatewfo.

10 Hena na menkasa menkyerɛ no, na minni adanse, na watie? Hwɛ, wɔn aso asisiw, na wontumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adan wɔn ahohorade, ɛnyɛ wɔn dɛ.

11 Enti AWURADE abufuhyew ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔn so mmotafowa ne mmerante asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akwakoraa ne nea wadi nna amee.

12 Na wɔn afi bɛyɛ afoforo de, nsaase ne ɔyerenom nyinaa, na mɛteɛ me nsa maka asase no sofo no, AWURADE asɛm ni.

13 Na efi wɔn mu akumaa so kosi wɔn mu ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, na efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.

14 Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.

15 So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam; ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu. Ɛbere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose.

16 Sɛ AWURADE se ni: Munkogyina akwan so na monhwɛ, na mummisa tete atempɔn no, nea ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na munnya ɔhome mma mo kra. Nanso wose: Yɛremfa so.

17 Na masisi mo so awɛmfo sɛ: Monyɛ aso mma torobɛntohyɛn no. Nanso wose: Yɛrenyɛ aso.

18 Ɛno nti, amanaman, muntie, na mo asafo, munhu nea ɛrebɛyɛ wɔn.

19 Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa.

20 Dɛn na aduhuam a wɔde fi Saba ba ne ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so no yɛ ma me? Mo hyew afɔre nsɔ m’ani, na mo kum afɔre nyɛ me dɛ.

21 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede hintidua mereto ɔman yi anim, na wɔahintihintiw so, agyanom ne mma nyinaa, na ofipamfo ne ɔyɔnko ayera.

22 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔman bi fi atifi fam asase so reba, na ɔman kɛse bi ahwanyan ne ho fi asase anoano tɔnn,

23 wokurakura ta ne pɛmɛ, wɔn tirim yɛ den na wonni timmɔbɔ; wɔn nne te sɛ po huuyɛ, na wɔtete apɔnkɔ so; wɔamia sɛ akofofo, sɛ wɔne wo, Sion babea, rebɛko.

24 Yɛate wɔn nka, yɛn nsam agow, yɛn ho yeraw yɛn, awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofo de.

25 Mfi adi nkɔ wuram, na nnantew ɔkwan so; na ɔtamfo kura afoa, ehu atwa wo ho ahyia.

26 Me man babea, fura atweaatam na yantam nso mu; twa agyaadwo a ɛte sɛ ɔbakoro ho de, bɔ abubuw a ɛyɛ yaw, efisɛ mpofirim na ɔsɛefo bɛba yɛn so.

27 Mede wo masi me man a ɛyɛ sikatwa bo so twahwɛfo, sɛ hu na sɔ wɔn akwan hwɛ.

28 Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfo atuatewfo, wɔnenam di nseku, wɔyɛ kɔbere ne dade ara nko; wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.

29 Afa rehuw, ogya rehyew sumpii; wɔnannan no kwa, efisɛ wonyii abɔnefo mfii wɔn mu.

30 Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, efisɛ AWURADE apo wɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan