Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 51 - KYERƐW KRONKRON


Babel tumi ne n’asehwe

1 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, merehwanyan mframa a ɛsɛe ade matia Babel ne nnipa a wɔtete Kaldea,

2 na masoma huwfo makɔ Babel, na wɔahuw no, na wɔama n’asase ada mpan, mmere a wobetwitwa ne ho ahyia, ɛda bɔne no so.

3 Mma takuntunfo nkuntun ne ta na mma ɔmma ne ho so, ne dade nkatabo no mu. Na monnkyɛe ne mmerante so, monsɛe ne dɔm nyinaa pasaa;

4 na wɔbɛtotɔ agugu Kaldeafo asase so, na wɔn a wɔapirapira agugu ne mmɔten so.

5 Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no, asafo AWURADE no, ne ne nkurɔfo wɔ hɔ, ɛwom sɛ asase no afom, Israel kronkronni no anim.

6 Munguan mfi Babel, na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu, na moanwu n’amumɔyɛ mu, efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka.

7 Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa bow; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ adam no.

8 Mpofirim no, Babel ahwe ase na abubu. Muntwa ne ho agyaadwo, momfa ne yaw ano nku mmra, ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie.

9 Anka yɛresa Babel yare, nanso anyɛ yie; munnyaw no mma yɛnkɔ yɛn nsaase so, na n’atemmu akodu ɔsoro, na wɔama so de akodu wim tɔnn.

10 AWURADE ayi yɛn trenee adi; mommra mma yɛmmɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn nneyɛe wɔ Sion.

11 Monsew agyan no, munso akyɛm mu! AWURADE ahwanyan Media ahene honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe no, efisɛ AWURADE aweretɔ, n’asɔrefi aweretɔ ne no.

12 Munsi frankaa nhyɛ Babel afasu, momma ɔwɛn no mu nyɛ den, momfa awɛmfo nsisi hɔ, munsiesie atɛwfo, na AWURADE dwen ne tirim, nso ɔreyɛ nea waka Babelfo ho no.

13 Wo a wote nsu bebree ho a w’akorade dɔɔso, w’awiei aba, na hama a ekura wo kra mu no atew.

14 Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ: Mede nnipa mɛhyɛ wo ma, sɛ mmɛbɛw, na wɔabɔ wo so se.

15 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa ma wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ.

16 Sɛ ɔkasa a, nsu dodow ba soro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam, ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea hɔnom.

17 Nnipa nyinaa yɛ tibɔnkɔso a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude yɛ atoro, na ahome bi nni wɔn mu;

18 wɔyɛ ahuhude nko, ahuammɔdwuma, wɔn asotwe bere mu no, wɔbɛyera.

19 Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’agyapade abusuakuw, asafo AWURADE ne ne din.

20 Woyɛ me asae ne akode, na mede wo mebobɔ amanaman, na mede wo mesɛesɛe ahenni;

21 na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo, na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutefo;

22 na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbea, na mede wo mebobɔ akwakoraa ne abofra, na mede wo mebobɔ aberante ne ababaa;

23 na mede wo mebobɔ oguanhwɛfo ne ne nguankuw, na mede wo mebobɔ okuafo ne n’anantwi mpamho, na mede wo mebobɔ amradofo ne ɔman mpanyimfo.

24 Na metua Babel ne Kaldeafo nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, a mo ani tua mu, AWURADE asɛm ni.

25 Hwɛ, me ne wo na anya, bepɔw sɛefo, AWURADE asɛm ni, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na mateɛ me nsa, na mapirepirew wo mafi ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔw a, ahyew koraa.

26 Na wɔremfa wo mu ɔbo a wɔde bɛto twea ne ɔbo a wɔde bɛhyɛ ase, na mmom wobɛdan daa amamfo, AWURADE asɛm ni.


Babel asodi ne asotwe

27 Munsi asase no so frankaa, monhyɛn ntorobɛnto amanaman mu; momma amanaman nnoa no so sa, munhyia Ararat, Mini ne Askenas ahenni nhyɛ no; munsi sahene nhyɛ no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛw manyamanya.

28 Momma amanaman nnoa no so sa, Media ahene, wɔn amradofo ne wɔn amampanyin ne wɔn ahemman asase nyinaa.

29 Na asase no wosow na ɛpopo, efisɛ AWURADE tirimpɔw no aba mu, Babel ho, sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo a obiara nte mu.

30 Babel nnɔmmarima agyae ko wɔtete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadannan mmea; wɔatoto wɔn afi mu gya, wɔabubu akyiri adaban.

31 Mmirikatuni tu mmirika kohyia mmirikatuni, ɔbɔfo nam hyia ɔbɔfo foforo kɔbɔ Babel hene kaseɛ, sɛ wɔafa ne kurow no, efi ti kɔ ti,

32 na wɔagye asutwaree no, na wɔde ogya ahyew mmɛw tare no, na asraafo no ani atane.

33 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Babel babea te sɛ awiporowbea, bere a wotiatia so no. Aka kakraa na twabere adu ama no.

34 Babel hene Nebukadnesar atetew yɛn, wayam yɛn, ɔde yɛn asi hɔ sɛ ade a hwee nni mu; wamene yɛn sɛ asu mu bɔpɔn bi, ɔde me nnɔkɔnnɔkɔwade ahyɛ ne yafunu ma, wasunsum yɛn kɔ.

35 Atirimmɔden a wɔbɔɔ me ne me honam no, wɔmfa mmisa Babel, wɔn a wɔte Sion no na wɔbɛka saa; na me mogya ngu Kaldeafo so, Yerusalem na ɔbɛka saa.

36 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo, na matɔ wo were mama wo; na mama ne po no mu awo, na n’asubura ayow;

37 na Babel bɛyɛ akuwakuw ne sakraman tenabea, ahodwiriwde ne fɛwdi, na obiara rentena hɔ.

38 Wɔn nyinaa bobom sɛ agyata, wɔpopo so sɛ agyata mma.

39 Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hyew a, mɛtow wɔn nsapon, na mama wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyan, AWURADE asɛm ni.

40 Mɛtwe wɔn masian sɛ, nguammaa makɔ okum mu, sɛ adwennini ne mpapo nyinaa.

41 Wɔafa Sesak, a ɛne Babel agye asase nyinaa ayeyi no dɛn ara! Babel adan amanaman mu ahodwiriwde dɛn ara!

42 Ɛpo asram Babel so, n’asorɔkye huuyɛ akata so.

43 Ne nkurow adannan amamfo, asase kesee ne nkyerekyerewa, asase a obiara nte so na onipa ba biara mfa so.

44 Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi nea wamene no afi n’anom, na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasu nso ahwe ase.

45 Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra nkwa mfi AWURADE abufuw mu gya no ano.

46 Nso mommma mo koma nntu, na munnsuro akwansosɛm a wɔbɛte asase so no ho, na akwansosɛm bɛba afe bi so, na ɛno akyi afe no, akwansosɛm bɛba; na nhyɛso wɔ asase no so, nea odi tumi sɔre hyɛ nea odi tumi.

47 Ɛno nti hwɛ, nna bi reba a mɛba abebu Babel ahoni no atɛn, na n’asase nyinaa ani awu, na n’atɔfo nyinaa ahwehwe ase wɔ so.

48 Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babel ho ahurusi dwom, na asɛefo befi atifi fam aba no so, AWURADE asɛm ni.

49 Babel nso, sɛ wɔmaa Israel atɔfo hwehwee ase no, saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfo bɛhwehwe ase.

50 Mo a moafi mu afi afoa ano no, monnantew nkɔ, munnnyina! Mumfi akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo komam.

51 Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, efisɛ ananafo aba AWURADE fi akronkronne so.

52 Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛba mabebu n’ahoni no atɛn, na atɔfo bɛpenepene n’asase nyinaa so.

53 Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro po, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den dɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefo befi aba no so, AWURADE asɛm ni.

54 Tie! Wɔte nteɛm fi Babel ne obubu kɛse fi Kaldeafo asase so;

55 na AWURADE resɛe Babel, ɔrema emu gyegyeegye no to atwa; na wɔn asorɔkye yɛ huu sɛ nsu bebree, wɔn nne hooyɛ gyigye.

56 Na ɔsɛefo aba Babel so, na wɔkyekyere ne nnɔmmarima, wobubu wɔn ta mu, efisɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE, obetua ne nyinaa so ka.

57 Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow, na wɔadeda daa nna a wɔrennyan, ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni.

58 Sɛ asafo AWURADE se ni: Babel afasu a atrɛw tɛtrɛɛ no, wobedwiridwiriw ama ase ada hɔ fann, na kurow ano apon a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhyew, na aman adwuma a wɔyɛe no ayɛ hunu, na ogya ahyew nea nkurɔfo dodow abrɛ ho no.


Wɔde Yeremia nkra no kɔ Babel

59 Asɛm a odiyifo Yeremia de hyɛɛ Maaseia ba Neria ba Seraia, bere a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babel, n’ahenni afe a ɛto so anan mu no; nso na Seraia di apiafohene.

60 Na Yeremia kyerɛw mmusu a ɛbɛba Babel so no hyɛɛ nhoma biako mu, nsɛm a wɔakyerɛw Babel ho yi nyinaa.

61 Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ wudu Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa,

62 na ka sɛ: AWURADE, wo na woakasa atia ha yi sɛ wubetutu a obiara rentena mu, efi nnipa so kosi afieboa so, na mmom adan daa amamfo ara nko.

63 Na sɛ wuwie nhoma yi kenkan a, wode ɔbo akyekyere ho na woatow akyene Eufrate mu

64 aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusu a mede mereba no so nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan