Yeremia 50 - KYERƐW KRONKRONBabel asehwe 1 Asɛm a AWURADE nam odiyifo Yeremia so ka tiaa Babel ne Kaldeafo asase no ni: 2 Monka amanaman mu, momma wɔnte na munsi frankaa, momma wɔnte, na munnsiw so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwu, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔakum n’ahoni aniwu, wɔayɛ n’abosom pasaa. 3 Na ɔman bi fi atifi fam retu no so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo, a obiara rentena so, nnipa ne mmoa nyinaa betu akɔ. 4 Nna no mu ne bere no mu no, AWURADE asɛm ni, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn. 5 Wobebisa Sion akyi kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, daa apam a werɛ remfi mu. 6 Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere. 7 Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tetew wɔn, na wɔn ahohiafo ka sɛ: Yennii so ɛ! Esiane sɛ wɔayɛ AWURADE bɔne, trenee tenabea ne wɔn agyanom anidaso AWURADE no. 8 Munguan mfi Babel, na mumfi Kaldeafo asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguan anim. 9 Na hwɛ, me na menyan amanaman akɛse asafo mama wɔafi benkum fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wobefi afa no, wɔn agyan yɛ sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsan n’akyi kwa. 10 Na Kaldeafo bɛdan asade, wɔn a wɔbɛfow no nyinaa bɛmeemee, AWURADE asɛm ni. 11 Esiane sɛ mo ani gye, na mudi ahurusi, mo a mofom m’agyapade no, na muduɔbo sɛ nantwiforo, sare momono mu, na mobɔ mmɔn sɛ apɔnkɔ akunini nti, 12 mo na ani bewu pa ara, mo wofo anim begu ase: Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafo, sare nkyerekyerewa ne sare pradada. 13 AWURADE abufuhyew nti obi rentena hɔ na ne nyinaa bɛdan amamfo koraa; obiara a otwam Babel ho no ho bedwiriw no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwirema hwee hwee. 14 Mommae mu ntwa nhyia Babel ho, mo a mukuntun ta mu nyinaa; montotow no, monnkyɛe agyan so, efisɛ wayɛ AWURADE bɔne. 15 Mommɔ no so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinaso ahwehwe ase, n’afasu adwiriw, na AWURADE aweretɔ ne no; montɔ mo were no so, monyɛ no sɛnea ɔyɛe no. 16 Muntwa ogufo mfi Babel, ne nea oso kantankrankyi mu twabere mu no. Esiane atirimmɔden afoa no nti wɔn nyinaa bɛsan akokɔ wɔn nkurɔfo mu, na wɔaguanguan akokɔ wɔn asase so. 17 Israel yɛ oguanten a wayera a agyata apam no kɔ; kan no, Asaria hene na ɔtetew no, na akyiri yi, ne nnompe po, Babel hene Nebukadnesar abubu mu. 18 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Babel hene ne n’asase aso, sɛnea meba mebɛtwee Asaria hene aso no, 19 na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead. 20 Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no. Merataim ho atemmusɛm 21 Tu Merataim, ase ne: Atuatew mmɔho asase, ne Pekod a ase ne: Asotwe nkurɔfo no so sa. Sɛe wɔn, na hyew di wɔn akyi, AWURADE asɛm ni, na yɛ sɛnea mehyɛɛ wo no nyinaa. 22 Nnɔnkoe gyegyeegye ne ɔsɛe kɛse wɔ asase no so. 23 Wɔatwitwa na wɔabubu asase nyinaa asɛe no dɛn ara! Babel adan amamfo amanaman mu dɛn ara. 24 Masum wo afiri na wɔayi wo nso, Babel, na wo de, woanhu; wohuu wo kyeree wo nso, efisɛ wo ne AWURADE na adi aperepere. 25 AWURADE ahiɛ n’akorabo dan, na wayi n’abufuhyew akode, efisɛ AWURADE, asafo AWURADE wɔ adwuma bi yɛ, wɔ Kaldeafo asase so. 26 Mumfi ano noho mmra no so, munhiɛ n’asan, monsesaw ngu hɔ sɛ awi akuakuw, na monsɛe no koraa, mommma biribiara nnka mmma no. 27 Munkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wonsian nkɔ okum mu. Wonnue, efisɛ wɔn da, wɔn asotwe bere adu. 28 Wɔte aguanfo ne wɔn a wɔafi mu afi Babel asase so nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefi ho aweretɔ Sion hɔ. 29 Momfrɛ agyantofo nkɔtoa Babel, wɔn a wokuntun ta nyinaa, mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara mmfi mu mmfi. Munsusuw ne nneyɛe so nhyɛ no ananmu, sɛ ɔyɛe no nyinaa, monyɛ no saa ara, efisɛ wadi AWURADE, Israel kronkronni no so ahantansɛm. 30 Enti ne mmerante bɛtotɔ ne mmorɔn so, na n’akofofo nyinaa bɛdwerɛw ɛda no, AWURADE asɛm ni. 31 Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, efisɛ wo bere adu, w’asotwe bere adu. 32 Na ɔhantanni behintiw ahwe ase, na obi nni hɔ a ɔbɛma no so; na masɔ ne nkurow mu gya, na ahyew atwa ne ho nyinaa ahyia. 33 Sɛ asafo AWURADE se ni: Wɔhyɛ Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa kurakura wɔn mu, wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn. 34 Wɔn gyefo no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; odi na ɔne wɔn ho asɛmpɛfo no bedi, sɛnea ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfo ahometew. Afoa ho atemmusɛm 35 Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so. 36 Afoa wɔ atoro akɔmfo no so, na wɔadannan nkwasea; afoa wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔasɛe wɔn. 37 Afoa wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ne asraafo afrafrafo a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa so, na wɔadannan mmea; afoa wɔ n’akorade so na wɔafow wɔn; 38 ɔyow wɔ ne nsu so na ayoyow, efisɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam. 39 Ɛno nti sare so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awo ntoatoaso a edidi so mu biara renkyekye bio. 40 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow a Onyankopɔn butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi bi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ mu hɔho. 41 Hwɛ, ɔman bi fi atifi fam reba, na ɔman kɛse bi ne ahene bebree ahwanyan wɔn ho afi asase ano tɔnn. 42 Wokurakura ta ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wonhu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofofo, atu wo, Babel babea, so sa. 43 Babel hene ate wɔn nka, na ne nsam agow; ahohia akyere no, ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu. 44 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ofi Yordan kwae no mu reba ne daa afe aduan so, na mɛma waguan afi hɔ afrɛso, na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim? 45 Enti muntie AWURADE agyina a watu Babel ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Kaldeafo asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw. 46 Na sɛ wɔte dede sɛ: Wɔafa Babel nnommum pɛ! Asase no bɛwosow, na wɔbɛte n’abubuwbɔ amanaman mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana