Yeremia 5 - KYERƐW KRONKRONƆsɛe ne asotwe 1 Muntutu mmirika nkyin Yerusalem mmorɔn so, na monhwɛ ɛ, na munhu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so, sɛ mubehu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a odi asɛntrenee na ɔhwehwɛ nokware, na memfa nkyɛ no. 2 Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi de, nanso ntanhunu na wɔkeka. 3 O AWURADE, so w’aniwa nsa nokware? Wobobɔ wɔn, na ɛnte wɔn; wodwɛre wɔn, wɔpo nteɛso; wɔahyɛ wɔn ani den sen ɔbotan, wɔmpɛ sɛ wonu wɔn ho. 4 Ɛnna mise: Eyinom yɛ mmɔborɔfo, nkwaseafo ne wɔn, efisɛ wonnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara. 5 Ma menkɔ nnipa akɛse no nkyɛn na menkasa nkyerɛ wɔn, efisɛ wɔn na wonim AWURADE akwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no atetew nkyehama no. 6 Ne saa nti kwae mu gyata bekum wɔn, anwea pradada so habɔdɔm bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkurow ho. Obiara a obefi adi no, wɔbɛtetew no asinasin; efisɛ wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so. 7 Eyi de, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ wɔn? Wo mma agyaw me, na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ho ntam. Na mema wɔmee mpo a, wɔsɛe aware ara, na wɔbɔ yuu kɔ aguaman fi. 8 Wɔte sɛ apɔnkɔnini abran a wɔbɔ anworaman, wɔbobɔ wɔn mfɛfo yerenom ho mmɔn. 9 So merentua eyinom so ka? AWURADE asɛm ni, anaasɛ merenni were ɔman a ɛte sɛɛ so anaa? 10 Momforo n’afasu na monsɛe no, nanso monnsɛe no nnwie. Mompempan n’abaa, na wɔnyɛ AWURADE dea. 11 Efisɛ Israel fi ne Yuda fi atwa me nkontompo, AWURADE asɛm ni. 12 Wɔapa AWURADE akyi, na wɔka sɛ: Ɛnyɛ ɔno nen; na bɔne bi remma yɛn so, na yɛrenhu afoa ne ɔkɔm. 13 Na adiyifo no nyɛ hwee sɛ mframa na asɛm bi nni wɔn anom; sɛnea ɛbɛyɛ wɔn ne no. 14 Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni: Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom, na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn. 15 Hwɛ, mede ɔman bi mifi akyirikyiri mereba mo so, Israel fi, AWURADE asɛm ni; ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wofi teteete, ɔman a wunnim wɔn kasa, na wonte nea wɔka no ase. 16 Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a ano da hɔ, wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima. 17 Na wobedi wo nnɔbae ne w’aduan a anka wo mmammarima ne wo mmabea bedi, na wobedi wo nguan ne w’anantwi, wobedi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afoa abobɔ wo nkurow a ɛyɛ den a wode wo ho too so no. 18 Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm ni, merensɛe mo minwie. 19 Na sɛ moka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa ade yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛnea moagyaw me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase so no, saa ara nso na mobɛsom ahɔho, asase bi a ɛnyɛ mo de so. Nkwaseasɛm ne nnebɔne 20 Monka eyi Yakob fi, na momma wɔnte Yuda sɛ: 21 Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm. 22 So munsuro me? AWURADE asɛm ni; anaasɛ mo bo ntu m’anim? Me a mede anwea mitwa po ano hye, daa ɔhye a entumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra. 23 Na ɔman yi wɔ atuatew ne asoɔden koma; wɔtew atua, na wɔkɔ so ara; 24 na wɔnka wɔn koma mu sɛ: Momma yensuro AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma asusow ne adonsu tɔ ne bere mu, ɔhwɛ twabere adapɛn a wahyɛ no so ma yɛn. 25 Mo amumɔyɛ na ama eyinom adan, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo. 26 Efisɛ wohu abɔnefo me man mu; wɔtetɛw sɛ nea nnomaayifo butubutuw; wosunsum mfiri yiyi nnipa. 27 Sɛ nnomaa hyɛ kyerɛnkyɛ ma no, sɛ nsisi ayeyɛ wɔn afi mu amaama ne no; enti wɔayɛ akɛse na wɔanya wɔn ho. 28 Wɔadodɔ srade, wɔn ho ayɛ srasra; nso wodi nsɛmmɔne tra so; wommu atɛntrenee, wonni nyisaa asɛm, na ama wɔadi yiye; na ahiafo nso, wommu atɛn mma wɔn. 29 So meremmetua eyinom so ka? AWURADE asɛm ni; anaasɛ me kra rentɔ ɔman a ɛte sɛɛ yi so were? 30 Ahobowde ne ahodwiriwde na wɔayɛ no asase no so. 31 Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana