Yeremia 49 - KYERƐW KRONKRONAmonfo ho atemmusɛm 1 Nea ɛfa Amonfo ho: Sɛ AWURADE se ni: So Israel nni mmabanin, anaasɛ onni ɔdedifo? Efi dɛn so na wɔn hene di ade Gad, na ne manfo tete ne nkurow mu? 2 Ɛno nti, hwɛ nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma Amonfo kurow Raba no ate ɔko mu sebɔ, na adan afabokuw, na wɔde ogya ahyew ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifo ade, AWURADE na ose. 3 Hesbon, bɔ abubuw, na wɔasɛe Ai. Raba mmabea, monteɛm, mumfura atweaatam ntwa agyaadwo, na munkyinkyin afasu no ntam, na Milkom rekɔ tukɔ mu, ɔne n’asɔfo ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ. 4 Ɛdɛn nti na wohyehye wo ho, w’ahoɔden ho? W’ahoɔden no rekɔ fam, ɔbabea sansani, wode wo ho too w’akorade so kae sɛ: Hena na ɔbɛba me so no? 5 Hwɛ, mede ehu mefi wɔn a wɔatwitwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn maba wo so, asafo AWURADE asɛm ni, na wɔasunsum mo mmiako mmiako akyene afi wo mfɛfo nyinaa mu a obi remmoa aguanfo no ano. 6 Na ɛno akyi no, mede Amonfo nnommum mɛsan maba bio, AWURADE asɛm ni. Edomfo ho atemmusɛm 7 Nea ɛfa Edom ho. Sɛ asafo AWURADE se ni: So nyansa bi nni Teman bio? Afotu abɔ nhumufo, wɔahwie wɔn nyansa agu? 8 Munguan, monnan mo akyi, monkɔtena nea emu dɔ hɔ, Dedanfo, na mede Esau ho mmusu no bi mɛba no so, bere a mɛba mabɛtwe n’aso no. 9 Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, wɔrennyaw wo mpɛpɛwa. Sɛ anadwo awifo ba a, wɔbɛsɛe nea ɛbɛso wɔn. 10 Na me de, mama Esau ho ada hɔ, mayi n’ahentade adi, na ɔrentumi nkora ne ho, wɔasɛe n’asefo ne ne nuanom ne n’afipamfo, na onni hɔ bio. 11 Gyaw wo nyisaa, me na megye wɔn nkwa, na w’akunafo nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so. 12 Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, ɔnom ara na wɔnom, na wo de, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom ɔnom ara na wobɛnom. 13 Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ Bosra bɛdan ahodwiriwde, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkurow nyinaa ayeyɛ daa amamfo. 14 Mate AWURADE anom nsɛm, na wɔasoma ɔbɔfo akɔ amanaman mu sɛ: Mommoaboa mo ho ano mmra no so, na monsɔre mmɛko. 15 Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtiaa nnipa mu. 16 W’ahide ne wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, wo a wote nkoko a ɛkorɔn so; sɛ woyɛ wo buw sorosoro sɛ ɔkɔre po a, ɛhɔ ara na meyi wo afi asi fam, AWURADE asɛm ni. 17 Na Edom bɛdan amamfo, obiara a obetwam ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no, na wabɔ hwirema hwee hwee. 18 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ hɔ. 19 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata fi Yordan kwae no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde aguan afi hɔ afrɛso; na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim? 20 Enti muntie AWURADE agyina a watu Edom ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Temanfo ho no: Ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw. 21 Wɔn asehwe gyegyeegye nti asase wosow, abubuw a wɔbɔ no, wɔte nka Mmɛw Po ano tɔnn. 22 Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔre, retu aba, na ɔtrɛw ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda ahohia mu koma. Damasko ho atemmusɛm 23 Damasko de: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwu, efisɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn koma atu; ɛpo mu ahuru, entumi nyɛ komm. 24 Damasko agurow, adan ne ho rebeguan; nketenkete akyere no, ahohia ne yaw akita no sɛ ɔbaa a ɔwɔ awo mu. 25 Ayeyi kurow, m’ahosɛpɛw kurow no, wɔagyaw no dɛn ara! 26 Enti emu mmerante bɛtotɔ mmorɔn so, na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofo nyinaa agu, asafo AWURADE asɛm ni. 27 Na mɛsɔ Damasko fasu mu gya, na ahyew Ben-hadad aban afɛfɛ no. Arabia mmusuakuw ho atemmusɛm 28 Kedar ne Hasor ahenni a Babel hene Nebukadnesar sɛee no de ni: Sɛ AWURADE se ni: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueifo. 29 Wɔn ntamadan ne wɔn nguan, wɔbɛfa; wɔn nkuntu ne wɔn nneɛmanneɛma ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ, na wɔateɛm aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa. 30 Munguan, muntu mmirikaden, monkɔhintaw nea emu dɔ hɔ, mo a mote Hasor! AWURADE asɛm ni. Na Babel hene Nebukadnesar atu mo ti agyina, na wapam mo ho apam bɔne. 31 Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwo a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm ni. Wonni apon ne akyi adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ. 32 Na wɔn yoma bɛyɛ afowde, na wɔn mmoakuw dodow ayɛ asade; na mɛbɔ wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛputu mapete mframa nyinaa mu, na mede wɔn sɛe mafi afa nyinaa maba wɔn so, AWURADE asɛm ni. 33 Na Hasor bɛdan sakraman tenabea ne daa amamfo, obi bi rentena hɔ, na onipa biara rensoɛ mu sɛ ɔhɔho. Elam ho atemmusɛm 34 AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase mu sɛ: 35 Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merebubu Elam ta, wɔn mmaninyɛ ade titiriw mu; 36 na mede mframa anan mefi ɔsoro afanan maba Elam so, na mabɔ wɔn mapete mframa yi nyinaa mu, na ɔman bi nni hɔ a Elam mpanyimfo remma hɔ; 37 na mɛma Elam koma atu, wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusu a ɛyɛ m’abufuw mu gya mɛba wɔn so, AWURADE asɛm ni, na mama afoa atiw wɔn akosi sɛ mewie wɔn yɛ. 38 Na mede m’agua mesi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm ni. 39 Nanso nna a edi akyiri no mu no, mede Elam nnommum mɛsan maba, AWURADE asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana