Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 48 - KYERƐW KRONKRON


Moab ho atemmusɛm

1 Nea ɛfa Moab ho: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Nebo nnue! Efisɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Abannennen no ani awu na wɔadwiriw agu.

2 Moab ayeyi bi nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, Hesbon hɔ sɛ: Mommra mma yentwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo Madmen nso, woayɛ kranana, afoa di w’akyi.

3 Osu nne fi Horonaim, ɔsɛe ne abu kɛse.

4 Wɔabubu Moab, emu mmofra nkumaa ma wɔte nteɛm.

5 Na Luhit aforoee hɔ, osu ara nko na wɔde foro; na Horonaim asianee hɔ nso, wɔte ɔsɛe ho adwotwa.

6 Munguanguan mma mo kra mfi mu mfi, na monyɛ sɛ anwea pradada so dua a ɛso ayɛ pasaa.

7 Na esiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akorade so nti, wo nso wɔbɛfa wo so, na Kemos, ne n’asɔfo ne n’asafohene abom afi adi akɔ tukɔ mu.

8 Na ɔsɛefo bɛba nkurow nyinaa so, na kurow biara remfi mu mfi; na abon bɛyera, na asasetaw nso asɛe, sɛnea AWURADE kae no.

9 Momma Moab ntaban, na ontu nkɔ. Na ne nkurow bɛyɛ amamfo a obiara nte mu.

10 Nnome nka nea ɔyɛ AWURADE adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu.

11 Moab atena ase dwoodwoo fi ne mmofraase, na wada ne puw so, na wonhwiee no mfii ade mu nguu ade mu ɛ, na ɔnkɔɔ tukɔ mu da; enti na ne dɛw aka ne mu, na ne ho huam nsakrae ɛ.

12 Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛsoma atuefo aba no so a wobetue wɔn, na wɔahwiehwie nea ɛwɔ n’ade mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso.

13 Na Moab ani bewu Kemos ho sɛnea Israel fi ani wui, Betel a wɔde wɔn ho too so no ho no.

14 Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofofo a wɔfata ɔko?

15 Wɔasɛe Moab, na wɔaforo akɔ ɛso nkurow mu, na ne mmerante a wɔapaw wɔn no asian kɔ okum mu, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din asɛm ni.

16 Moab sɛe repempɛn so ba, na ne mmusu reyɛ ntɛmpa.

17 Munnyam no, mo a motete ne ho nyinaa ne mo a munim ne din nyinaa. Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den, poma fɛfɛ no abu yi?

18 Sian fi w’anuonyam mu, na tena osukɔm asase so, Dibon babea a wote agua so. Na Moab sɛefo atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.

19 Kogyina ɔkwan ho na hwɛ, Aroer mutefo, bisa oguanfo ne nea wafi mu afi sɛ: Dɛn na aba?

20 Moab ani awu, na wɔadwiriw agu; mommɔ abubuw na monteɛm, monka mfa Arnon so sɛ wɔasɛe Moab.

21 Na atemmu aba asasetaw no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat,

22 ne Dibon ne Nebo ne Betdiblataim,

23 ne Kiriataim ne Betdamul ne Betmeon,

24 ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkurow a ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn nyinaa so.

25 Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm ni.

26 Momma ɔmmow, efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab nyantam ne fe mu, na ɔno nso nnan asereserede.

27 So Israel anyɛ wo aserede? So wohuu no awifo mu na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowosow wo ti?

28 Moabfo, munnyaw mo nkurow nkɔtena abotan so, na monyɛ sɛ aturukuku a ɔyɛ ne buw abodan ano nkyɛn mu.

29 Yɛate Moab homan a wahoman dodo no, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’ahupoo ne ne koma soma.

30 Me ara, AWURADE asɛm ni, minim n’anuɔden; n’ahoahoa yɛ atoro na ne nsɛnnii nso yɛ atoro.

31 Enti mitwa Moab ho agyaadwo, na mebɔ Moab nyinaa ho abubuw, na wodi Kir-heres mmarima ho nkɔmmɔ.

32 Mede Yaser su no bi misu wo, Ao Sibma obobe; wo nhama atra ɛpo, akodu Yaser po ano; wo nnuabatew ne wo bobe abatew so na ɔsɛefo aba abegu,

33 na anigye ne ahurusidi to atwa wɔ mfuw pa a ɛwɔ Moab asase so; matwa nsa to afi nsa-kyi-amoa mu; wɔremfa anigye nnye so, nsakyi no mu; wɔto gye so a, ɛnyɛ anigye so.

34 Wɔma wɔn nne so fi Hesbon nteɛm no mu kosi Eleale ne Yahas, efi Soar kosi Horonaim, sɛ mfe abiɛsa nantwibere; na Nimrim nsu po adan nkyerekyerewa.

35 Na metwa Moab mu, AWURADE asɛm ni, nea ɔbɔ ɔhyew afɔre sorɔnsorɔmmea ne nea ɔhyew aduhuam ma n’anyame no.

36 Ɛno nti me koma gyigye ma Moab sɛ bɔtɔwa, na me koma gyigye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-heres mmarima, efisɛ ade a wɔanya a wɔde asie no ayera.

37 Na eti nyinaa apopa, na bogyesɛ nyinaa akukuw, nsa nyinaa mu ayɛ nkamaa, na atweaatam miamia asen.

38 Osutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi ne ne mmorɔn so, na mabɔ Moab sɛ kuku bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm ni.

39 Wɔadwiriw no dɛn ara, wɔbɔ abubuw dɛn ara! Moab de aniwu dan n’atiko dɛn ara, na Moab adan aserede ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa.

40 Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔretu sɛ ɔkɔre, na ɔtrɛw ne ntaban mu ba Moab so.

41 Wɔafa Keriot, na wɔagye nkurow a ɛyɛ den no, na ɛda no, Moab nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda awoyaw mu koma.

42 Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm.

43 Ehu ne oku ne hentia da wo da, wo a wote Moab no, AWURADE asɛm ni.

44 Nea oguan fi ehu ano no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku mu no, wɔde hentia beyi no, na mede Moab asotwe afe mɛba wɔn so, AWURADE asɛm ni.

45 Hesbon nwini mu na aguanfo a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyinae, na ogya afi Hesbon, na ogyaframa afi Sihon mu, na abɛhyew Moab mpampam ne hooyɛ mma no abogye.

46 Moab, due! Kemos man ayera, na wɔafa wo mmabanin nnommum, na wo mmabea kɔ nnommumfa mu.

47 Nso mede Moab nnommum mɛsan aba, nna a edi akyiri no mu, AWURADE asɛm ni. Nea Moab atemmu no aso ne ha.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan