Yeremia 47 - KYERƐW KRONKRONFilistifo asase ho atemmusɛm 1 AWURADE asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn Filistifo ho, ansa na Farao bae bɛtoaa Gasa no ni: 2 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nsu rema ne ho so afi atifi fam na ayɛ asu a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, nkurow ne wɔn a wɔte mu no so. Na nnipa bɛteɛteɛɛm, na asase no sofo abɔ abubuw, 3 wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a esisi fam tim tim no, kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne n’anan huuyɛ nti, agyanom nnan wɔn ani nhwɛ wɔn mma, wɔn nsa mu gow no nti, 4 Esiane ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifo nyinaa, atwitwa Tiro ne Sidon aboafo a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifo, Kaftor supɔw mu nkae no. 5 Tipae aba Gasa so, Askelon ayɛ komm Ao bon mu tumi nkae. Wobɛbɔ wo ho akam akosi da bɛn? 6 Ao, AWURADE afoa, enkosi da bɛn ansa na wo ho adwudwo? San kɔhyɛ wo boha mu, home na yɛ dinn ɛ! 7 Ɛbɛyɛ dɛn na adwudwo, sɛ AWURADE ahyɛ no yi? Askelon ne mpoano hɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana