Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 46 - KYERƐW KRONKRON


Wodi Misraimfo so nkonim

1 AWURADE asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn, amanaman ho ni:

2 Ɛfa Misraim ho, Misraim hene Farao Neko dɔm, a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babel hene Nebukadnesar kum wɔn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no ho:

3 Munsiesie akyɛmwa ne ɔkyɛm, na muntu sa.

4 Munsiesie apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho, montenatena so, apɔnkɔsotefo, monhyɛ dade kyɛw nnyinagyina hɔ, mompɔw mpeaw ho, monhyehyɛ dade nkatabo.

5 Efi dɛn so na mihu wɔn sɛ wɔn bo atu yi? Na wɔadan wɔn akyi, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn agu, na aguan ara na wɔreguan na wɔnhwɛ wɔn akyi yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm ni,

6 Ɔhoɔharefo nnya aguanye, na dɔmmarima mfi mu mfi; atifi fam, asu Eufrate no ho na wɔahintihintiw na wɔahwehwe ase.

7 Hena na ɔreba sɛ Nil, na n’asorɔkye rebɔ sɛ asukɛse de yi?

8 Misraim atu reba sɛ Nil, n’asorɔkye rebɔ sɛ asu akɛse de, na ese: Meyiri makata asase so masɛe nkurow ne emufo no.

9 Montenatena apɔnkɔ so, nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfi adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafo no ne Ludifo a wokura ta pono mu no.

10 Saa da no yɛ AWURADE, asafo AWURADE de, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afoa bedidi amee, na wɔn mogya ama abow, na AWURADE, asafo AWURADE, wɔ okum afɔre, benkum fam asase so, wɔ asu Eufrate ho.

11 Oo ababaa, Misraim babea, foro kɔ Gilead kogye aduru; ɔkwa ara kwa na woma nnuru dɔɔso, ayaresa bi nni hɔ mma wo.

12 Amanaman ate w’ahohora, na wo nteɛm ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.


Misraim amane

13 Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia, sɛ Babel hene Nebukadnesar bɛba abɛsɛe Misraim asase no:

14 Monka Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol, na mompae mu nka Memfis ne Tahpanhes hɔ. Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn, efisɛ afoa redidi atwa wo ho ahyia.

15 Efi dɛn so na wɔapra w’akunini kɔ yi? Obi annyina, na AWURADE apam wɔn.

16 Wama pii ahwehwe ase, obiako atɔ da ne yɔnko so po; ɛnna wose: Sɔre ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne yɛn awo asase so mfi afoa a ɛyɛ hu no anim.

17 Wɔteɛm hɔ sɛ: Misraim hene Farao asɛe; wama bere a ɛsɛ no atwam.

18 Sɛ mete ase yi, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm ni, sɛ Tabor si mmepɔw no ntam na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.

19 Yɛ atukɔ ho ade fa, Misraim babea a wote hɔ no, na Memfis bɛdan amamfo, na ahyew a obi rentena mu bio.

20 Misraim yɛ nantwiba ɔbere a ne ho yɛ fɛ; ɔsɛe fi atifi fam reba, ɛreba.

21 N’apaafo a wɔwɔ mu no nso te sɛ anantwi mma nyɛmmoa, na wɔn nso wɔdan wɔn ho bom guanguan; wonnyina, efisɛ wɔn sɛe da adu, wɔn asotwe bere aba wɔn so.

22 Ne nne gyigye kɔ sɛ ɔwɔ de, na wɔde dɔm nam so reba, na wɔde mmonnua reba no so sɛ nnuatowfo.

23 Wobebu ne kwae, AWURADE asɛm ni, na wonnya mu ahwehwɛye, na wɔdɔɔso sen mmoadabi, na wɔn dodow nni ano.

24 Wɔama Misraim babea ani awu, wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa.

25 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahene ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so no,

26 na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babel hene Nebukadnesar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi na wɔbɛtena so sɛ tete nna no, AWURADE asɛm ni.


Wɔkyekye Israel werɛ

27 Na wo, m’akoa Yakob de, nsuro, na mma wo bo nntu, Israel. Na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, ne w’asefo nso afi wɔn nnommumfa asase no so, na Yakob asan aba abɛhome atena ase dwoodwoo, na obiara nni hɔ a obeyi no hu.

28 Wo, m’akoa Yakob de, nsuro, AWURADE asɛm ni, na midi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie sa, na wo de, merenwie wo sɛe; na mɛteɛ wo so sɛ ɛfata, na bem de, meremma wunni da.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan