Yeremia 45 - KYERƐW KRONKRONƆbɔ Baruk kɔkɔ na ɔkyekye ne werɛ nso 1 Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no se: 2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka wo, Baruk, ho ni: 3 Woka sɛ: Minnue, sɛ AWURADE de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi. 4 Ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so. 5 Na wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, AWURADE asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana