Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 43 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wiei no,

2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔsoɛ hɔ ahɔho, ɛ!

3 Na Neria ba Baruk na opiapia wo hyɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafo nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel.

4 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE antena Yuda asase so.

5 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkae nyinaa a wɔsan fii amanaman nyinaa a wɔpansam wɔn kɔɔ hɔ no bae sɛ wɔbɛsoɛ Yudafo asase so,

6 mmarima ne mmea ne mmofra ne ɔhene mmabea ne nnipa a ankɔbeahene Nebusaradan gyaw wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk,

7 na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, efisɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tahpanhes.


Yeremia hyɛ nkɔm sɛ Nebukadnesar bɛhyɛn Misraim

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tahpanhes sɛ:

9 Tase abo akɛse, na fa hyehyɛ dɔte mu, ntayaa fononoo a ɛwɔ Farao fi pon ano no mu, Tahpanhes, Yudafo mmarima no anim,

10 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, meresoma makɔfa m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede n’agua mabesi abo yi a mede makora yi so, na watrɛw n’akatamanso mu wɔ hɔ.

11 Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, nea ɔsɛ owu no bewu, na nea ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na nea ɔsɛ afoa no, afoa bɛka no.

12 Na mɛto Misraim anyame afi mu gya, na wahyew wɔn asoa wɔn nnommum, na wafura Misraim asase, sɛnea oguanhwɛfo fura ne ntama, na wafi hɔ asomdwoe mu akɔ.

13 Na obebubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase so no, na ɔde ogya ahyew Misraim anyame afi no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan