Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 42 - KYERƐW KRONKRON


Yeremia bɔ wɔn Misraim ho kɔkɔ kwa

1 Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfo no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so twiw bɛnee

2 bɛka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotɔsrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ne nkae yi nyinaa, efisɛ yɛne kakraa bi a yɛaka nnipa bebree mu, sɛnea wuhu yɛn yi,

3 na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnantew so, ne nea yɛnyɛ nso.

4 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpae sɛ mokae no, na asɛm biara a AWURADE bebua mo no, mɛka makyerɛ mo; meremfa asɛm biara minsiw mo.

5 Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokware dansefo pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!

6 Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yebetie, na asi yɛn yiye, sɛ yetie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti.

7 Na dadu akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn.

8 Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, bae,

9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memma mo nkotɔsrɛ nnu n’anim no se ni:

10 Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnne mesi mo, na merennwiriw, na medua mo, na merentutu mo, efisɛ manu me ho, bɔne a meyɛɛ mo no ho.

11 Munnsuro Babel hene a musuro n’anim yi anim; munnsuro no, AWURADE asɛm ni, na me na midi mo akyi sɛ megye mo nkwa na mayi mo afi ne nsam;

12 na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasan aba mo asase so.

13 Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn nne

14 ka sɛ: Daabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhu dɔm na yɛrente torobɛntohyɛn na aduankɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a,

15 ɛnne afei muntie AWURADE asɛm, mo Yuda nkae a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔsoɛ hɔ ahɔho a,

16 ɛnne afoa a musuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɔkɔm a mo koma tutu ho no bedi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mubewuwu.

17 Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔho no nyinaa bewuwu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfi bɔne a mede mɛba wɔn so no mu.

18 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛnea m’abufuw ne m’abufuhyew hwie guu Yerusalemfo so no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyew behwie agu mo so, na moadan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa, na morenhu ha yi bio.

19 AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkae, sɛ monnkɔ Misraim! Na munhu pefee sɛ madi mo adanse nnɛ.

20 Na moatwa mo ankasa mo kra nkontompo, efisɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.

21 Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn, ne nea ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa.

22 Na afei, munhu pefee sɛ afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano na mubewuwu, nea mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔho no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan