Yeremia 41 - KYERƐW KRONKRONIsmael di Gedalia awu 1 Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ɔhene asefo ne ɔhene atitiriw mu no ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ. 2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrante bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no kum no. 3 Na Yudafo a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafo a wohuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofo no nso, Ismael kunkum wɔn. 4 Na Gedalia kum akyi nnanu a obiara ntee no, 5 mmarima bi fi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wosi aduɔwɔtwe, wɔayiyi wɔn bogyesɛ asunsuane wɔn ntade mu abobɔ wɔn ho akam, na wokura aduan afɔre ne aduhuam sɛ wɔde reba AWURADE fi. 6 Na Netania ba Ismael fi Mispa kohyiaa wɔn; ɔrekɔ no, na ɔresu. Na oduu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn. 7 Na woduu kurow no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn guu abura bi mu. 8 Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akorade wɔ wuram, awi ne atoko ne ngo ne ɛwo. Ɛnna ogyaee, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so. 9 Nso abura a Ismael totow mmarima a okunkum wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne nea Israel hene Basa nti ɔhene Asa tui no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfo no hyɛɛ no ma. 10 Ɛnna Ismael faa ɔman no nkae a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmabea ne nkurɔfo a wɔkae Mispa a ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekotwam akɔ Amonfo nkyɛn. Yudafo pɛ sɛ anka wɔkɔ Misraim 11 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no, 12 wɔfaa mmarima no nyinaa kɔe, sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛse a ɛwɔ Gibeon no ho. 13 Na nkurɔfo a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyei, 14 na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum fii Mispa no dannan wɔn ho san wɔn akyi baa Karea ba Yohanan nkyɛn. 15 Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe fii mu fii Yohanan anim, na osiim kɔɔ Amonfo nkyɛn. 16 Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkae a ɔde wɔn san fii Netania ba Ismael a okum Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa no, wɔfaa mmarima akofo ne mmea ne mmofra ne mpiafo a ɔde wɔn san fii Gibeon no, 17 na wosiim kɔtenaa Kimham asoɛe a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔde rehwe so akɔ Misraim 18 afi Kaldeafo no anim, efisɛ wosuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana