Yeremia 4 - KYERƐW KRONKRONAhonu asɛnka 1 Israel, sɛ wosan w’akyi a, AWURADE asɛm ni, me nkyɛn na san bra. Na sɛ wuyi w’akyide fi m’anim a, worenhinhim, 2 na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho. 3 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafo ne Yerusalem ni: Monnɔw adɔw foforo mfa, na munngu nguare wɔ mu. 4 Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na munyi mo koma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya abɛhyew a obi nni hɔ a obedum, mo nsɛnnii mu bɔne nti. Onyankopɔn atemmu bɛn 5 Monka wɔ Yuda, momma wɔnte Yerusalem, mommɔ din nka sɛ, monhyɛn torobɛnto asase no so, monteɛm mma ɛnyɛ den, na monka sɛ: Mommoaboa mo ho ano mma yɛnkɔ nkurow a ɛyɛ den no mu. 6 Munsi frankaa nkyerɛ Sion fam, mommɔ mo ho aguaa, munnnyina hɔ. Na adebɔne na merema afi atifi fam aba, ne ɔsɛe kɛse. 7 Gyata bi afi ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefo atu afi ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkurow abobɔ a obi nte mu bio. 8 Eyi nti mumfura atweaatam, mommɔ abubuw na muntwa adwo dennen, efisɛ AWURADE abufuhyew no nnan mfii yɛn ho ɛ! 9 Na ɛbɛba da no, AWURADE asɛm ni, sɛ ɔhene ne asafohene koma betutu, na asɔfo no ho adwiriw wɔn, na adiyifo ani so ayɛ wɔn yaa. 10 Na mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem huammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoe bɛba ama mo, nanso afoa da menewam. 11 Ɛbere no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyew befi sare so mpampa so afa me man babea kwan so aba, ɛnyɛ nea ɛbɛpo so anaa ebehuw so, 12 mframa a emu yɛ den sen saa fi hɔnom ara bɛba ama me. Afei na me nso mɛka atemmusɛm agu wɔn so. 13 Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe. 14 Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi? 15 Na obi nne teɛm fi Dan, na ɔma wɔte mmusu nka fi Efraim bepɔw so. 16 Mommɔ din nkyerɛ amanaman, hwɛ, momma wɔnte nka Yerusalem. Atɛwfo fi akyirikyiri asase so reba, na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkurow so. 17 Wɔasɔre ahyɛ no atwa ne ho ahyia sɛ mfuw awɛmfo, efisɛ watew me so atua, AWURADE asɛm ni. 18 W’akwan ne wo nsɛnnii na ama eyinom aba wo so, eyi ne w’atemmu, na ɛyɛ nwene; edu wo koma ho pɛɛ. Odiyifo no nkɔmmɔdi 19 Me yam hyehye me! Me yam hyehye me! Mete me koma mu yaw! Me koma pere me patripatri, mintumi mimmua m’ano, efisɛ mete torobɛntohyɛn, ɔko ne osebɔ ho nsɛkyerɛnne. 20 Wɔteɛm sɛ amanehunu bɔ amanehunu so, asase no nyinaa asɛe. Mpofirim na me ntamadan asɛe, me mmɔhɔɔ asɛe afrɛso. 21 Enkosi da bɛn na minhu frankaa na mente torobɛntohyɛn? 22 Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim. 23 Mehwɛɛ asase, na hwɛ, ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ. 24 Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ, ɛrewosow, na nkoko nyinaa rehinhim. 25 Mehwɛe, na hwɛ, onipa bi nni hɔ, na wim nnomaa nyinaa atutu kɔ. 26 Mehwɛe, na hwɛ, mfuw adannan anwea pradada, na ɛso nkurow nyinaa abubu, AWURADE anim n’abufuw a emu yɛ hyew no anim. 27 Na sɛ AWURADE se ni: Asase no nyinaa bɛdan amamfo nso owie de, merenwie no sɛe. 28 Ɛno nti na asase di nkɔmmɔ, na ɔsoro biri tumm wɔ so, efisɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensan mimfi ho. 29 Apɔnkɔfo ne bɛmmatofo kitikitiyɛ nti kurow no nyinaa guan. Wɔhyɛnhyɛn adɔtɔ mu na wɔfoforo abotan. Nkurow nyinaa adeda mpan, na obi nte mu bio. 30 Na wo nso, wo a wɔasɛe wo yi, woreyɛ no dɛn ni na wufura ɔtankɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛde hyehyɛ wo ho, na wode adubiri keka w’aniwa yi? Ɔkwa ara kwa na wokeka wo ho fɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔpɛ wo akum wo. 31 Na mete nne a ɛte sɛ ɔbea a ɔko awo de, ahohia a ɛte sɛ ɔbea a ɔrebɔn awo de: Sion babea nne, osi apini, ɔtrɛw ne nsam sɛ: Minnue! Na me kra atɔ awudifo nsam beraw. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana