Yeremia 39 - KYERƐW KRONKRONWɔfa Yerusalem. Wotutu Sedekia aniwa 1 Na wɔfaa Yerusalem no, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no so na Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu. 2 Sedekia afe a ɛto so dubiako, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron na woburuw kurow no, 3 na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfinimfini ponkɛse no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa. 4 Na Yuda hene Sedekia ne mmarima akofo no nyinaa huu wɔn no, woguanguanee, na wofii kurow no mu anadwo, ɔhene turom kwan so faa ɔponkɛse mu, afasu abien no ntam, na ofii adi faa tataw mu kwan so kɔe. 5 Na Kaldeafo dɔm no tiw wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko tataw mu, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn wɔ hɔ. 6 Na Babel hene kunkum Sedekia mma n’anim Ribla; na Yuda adehye nyinaa nso, Babel hene kunkum wɔn. 7 Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel. 8 Na ahemfi ne ɔmanfo no afi de, Kaldeafo no de ogya hyewee, na woburuw Yerusalem afasu no. 9 Na ɔman no nkae a wɔkae kurow no mu ne awaefo a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkae a wɔkae no, abrafohene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel. 10 Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni biribi no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfuwa momaa wɔn da no. Nebukadnesar bɔ Yeremia ho ban 11 Na Babel hene Nebukadnesar hyɛɛ ankɔbeahene Nebusaradan wɔ Yeremia ho sɛ: 12 Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛnea ɔbɛka akyerɛ wo no, saa ara na yɛ ma no. 13 Ɛnna ankɔbeahene Nebusaradan ne mpiafohene Nebusasban, ne Rabmag, Nergal-sareser, ne Babel hene atitiriw no nyinaa, 14 soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo abangua mu bae, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfi hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfo no mu. Ebed-melek nhyira 15 Na Yeremia da so da duam awɛmfo abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: 16 Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no. 17 Nanso ɛda no, meyi wo, AWURADE asɛm ni, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wusuro wɔn anim no nsa. 18 Na ofi na mɛma woafi mu afi, na worentɔ afoa ano; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana