Yeremia 38 - KYERƐW KRONKRONYeremia wɔ asiane kɛse mu 1 Na Matan ba Sefatia ne Pashur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkiya ba Pashur tee nsɛm a Yeremia reka akyerɛ ɔman no nyinaa sɛ: 2 Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɛtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi kɔ Kaldeafo nkyɛn no benya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asade, na ɔbɛtena ase. 3 Sɛ AWURADE se ni: Oyi na wobeyi kurow yi ahyɛ Babel hene dɔm no nsa, na wɔafa. 4 Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Wonkum ɔbarima yi ɛ, efisɛ ɔde sɛɛ rema akofo a wɔaka kurow yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agugow, sɛ ɔka sɛɛ nsɛm yi kyerɛ wɔn. Na ɔbarima yi nyɛ nea ɔhwehwɛ asomdwoe de ma ɔman yi, na mmom bɔne. 5 Na ɔhene Sedekia kae sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo. 6 Ɛnna wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ awɛmfo abangua mu no mu, na wɔde ntampehama gyaagyaa no too mu. Nso abura no mu nni nsu, sɛ dontori nko; na Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu. 7 Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfi no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; nso na ɔhene no te Benyamin ponkɛse mu. 8 Ɛnna Ebed-melek fii ahemfi ne ɔhene kɔkasae sɛ: 9 Me wura ɔhene, nea mmarima yi de ayɛ odiyifo Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔatow no akyene amoa mu sɛ ɔkɔm nkum no, nea ɔwɔ hɔ, efisɛ aduan bi nni kurom bio. 10 Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na koyi odiyifo Yeremia abura no mu ansa na wawu. 11 Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na osiim kɔɔ ahemfi, adekorabea ase, kɔtasee ntamagow a asusuw na asunsuane, na wɔde ntampehama kyekyeree tow maa Yeremia abura no mu. 12 Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntamagow a asusuw na asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehama no ase. Na Yeremia yɛɛ saa. 13 Na wɔde ntampehama no twee Yeremia de yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu hɔ. Yeremia ne ɔhene no nkɔmmɔbɔ 14 Na ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fi abobow a ɛto so abiɛsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebebisa wo asɛm bi; nsiw me biribiara so. 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka mekyerɛ wo a, so ɛnyɛ okum na wubekum me? Nanso sɛ mitu wo fo a, worentie me. 16 Na ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo menhyɛ mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo no nsa! 17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Sɛ wufi adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wo kra benya nkwa, na wɔremfa ogya nhyew kurow yi, na wo ne wo fi benya nkwa. 18 Na sɛ woamfi adi ankɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnne wɔde kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo no nsa, na wɔde ogya ahyew, na wo nso, woremfi wɔn nsam mfi. 19 Na ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me de, misuro Yudafo a wɔawae akɔ Kaldeafo no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoru me ho. 20 Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛnea mereka makyerɛ wo yi, na asi wo yiye, na wo kra anya nkwa. 21 Na sɛ woampene amfi adi de a, eyi ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me: 22 Hwɛ, mmea a wɔaka Yuda ahemfi no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afi adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo komam nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a w’anan abɛhyɛ dontori mu yi, wɔasan wɔn akyi. 23 Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn befi adi akɔ Kaldeafo nkyɛn, na wo nso, woremfi wɔ nsa mfi, na Babel hene nsa beso wo mu, na wɔde ogya bɛhyew kurow yi. 24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu. 25 Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka nea woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsiw yɛn biribiara so na yɛankum wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛ wo a? 26 Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotɔsrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fi bio, na mankowu wɔ hɔ. 27 Na mmapɔmma no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bebisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛe no nyinaa kyerɛɛ wɔn; ɛnna wɔne no gyaee kasa, efisɛ obiara ntee asɛm no ɛ. 28 Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu kosii da a wɔfaa Yerusalem no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana