Yeremia 35 - KYERƐW KRONKRONRekabfo nhwɛso 1 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba bere so ni: 2 Kɔ Rekabfo fi, na wo ne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fi mpia no biako mu, na ma wɔn nsa nnom. 3 Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfo fifo nyinaa, 4 na mede wɔn mebaa AWURADE fi mekɔɔ Onyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpon ano hwɛfo Salum ba Maaseia pia atifi no mu, 5 na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkora misisii Rekabfo fi mma no anim, na misee wɔn sɛ: Monnom nsa. 6 Na wose: Yɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da. 7 Na munnsisi adan, na munnnua hwee, na monnyɛ bobeturo bi, na mommfa ebi nso nnyɛ mo de; na ntamadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔho no so. 8 Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, nea ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmabea; 9 na yensisi adan ntena mu, na yenni bobeturo ne afuw ne ade a wodua bi, 10 na yɛtete ntamadan mu; na yetie na yɛyɛ sɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa. 11 Na Babel hene Nebukadnesar tu baa asase yi so no, yɛkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfi Kaldeafo dɔm ne Siriafo dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem. 12 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: So morennye nteɛso sɛ mubetie me nsɛm? AWURADE asɛm ni. 14 Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi abesi nnɛ da yi, efisɛ wotie wɔn agya ahyɛde no. Na me de, makasa makyerɛ mo, mitua ahema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me. 15 Na masoma me nkoa, adiyifo no, nyinaa maba mo nkyɛn, mitua ahema mesoma wɔn sɛ: Monsan ɛ, mo nyinaa mfifi mo akwammɔne so, na monyɛ mo nsɛnnii yiye, na munnni anyame foforo akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me. 16 Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛde a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi de, wontie me. 17 Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, mede bɔne a meka mitiaa Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa mereba wɔn so, esiane sɛ makasa makyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti. 18 Na Rekabfo fi no de, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛde, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti, 19 sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Onipa a ogyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana