Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 34 - KYERƐW KRONKRON


Sedekia nkrabea

1 Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa, ne ahenni a ɛwɔ wiase nyinaa, ne nnipa a ɛwɔ ne tumi ase no nyinaa, aba ne Yerusalem ne ne nkurow nyinaa reko no, ni:

2 Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ na wo ne Yuda hene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede kurow yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahyew;

3 na wo ara nso woremfi ne nsa mfi, na ɔkyere na wɔbɛkyere wo de wo ahyɛ ne nsa, na wode w’ani behu Babel hene ani, na n’ano ne wo akasa, na woakɔ Babel.

4 Nanso tie AWURADE asɛm, ɔhene Sedekia! Sɛ AWURADE ka wo ho ni: Worenwu afoa ano.

5 Asomdwoe mu na wubewu, na sɛnea wɔhyehyew aduhuam maa w’agyanom, kan ahene a wodii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhyew aduhuam ama wo, na wɔatue wo so su se: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm ni.

6 Ɛnna odiyifo Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yuda hene Sedekia, Yerusalem;

7 nso Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu.


Ahofadi afe no sɛe

8 Asɛm a edi so yi fi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no na ɔhene Sedekia ne ɔman a ɛwɔ Yerusalem no nyinaa apam sɛ wɔmpae ahofadi mma wɔn,

9 sɛ wɔmma obiara nkoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifo mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya.

10 Na mmapɔmma no ne ɔman a wɔkɔɔ apam no mu sɛ wɔn mu biara bɛma n’akoa ne n’afenaa afa wɔn ho adi na obiara anni wɔn nya bio no nyinaa tiei; wotiei na wogyaagyaa wɔn.

11 Na ɛno akyi no wɔsanee, na wɔmaa wɔn nkoa ne wɔn mfenaa a wogyaa wɔn ma wɔfofaa wɔn ho dii no san bae, na wɔhyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ nkoa ne mfenaa.

12 Ɛnna AWURADE asɛm fi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:

13 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom pamee da a miyii wɔn fii Misraim asase so, nkoafi mu no, se:

14 Mfe ason awiei no mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama wo no, na sɛ ɔsom wo mfe asia a, gya no kwan ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase.

15 Na mo de, nnansa yi modanee, na moyɛɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ mo mu biara paee ahofadi kyerɛɛ ne yɔnko na mopamee m’anim, ofi a wɔde me din ato no hɔ.

16 Na moasan akohura me din ho, na mo nyinaa amoma mo nkoa ne mo mfenaa a mugyaa wɔn kwan ma wɔfaa wɔn ho kodii sɛ wɔn kra pɛ no asan aba, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa.

17 Ne saa nti sɛ AWURADE se ni: Mo de, muntiee me ɛ, sɛ mobɛpae ahofadi a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadi mama mo, AWURADE asɛm ni: Mede mo mama afoa ne owuyare ne ɔkɔm; na mɛma asase so ahenni nyinaa aguan mo ho.

18 Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamee m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpaee mu abien na wɔfaa n’afaafa no ntam no,

19 Yuda mmapɔmma ne Yerusalem mmapɔmma, mpiafo ne asɔfo no ne asase no so nkurɔfo a wɔfaa nantwi ba no afaafa no ntam no nyinaa,

20 na mede wɔn mɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.

21 Na Yuda hene Sedekia ne ne mmapɔmma no, mede wɔn mɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa ne Babel hene dɔm a wɔafi mo ho kɔ yi no nsa.

22 Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm ni, na mama wɔasan aba kurow yi ho ne no abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew, na mama Yuda nkurow adan amamfo a obi nte mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan