Yeremia 33 - KYERƐW KRONKRONWogye wɔn fi Babel nsam 1 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa abien, bere a ɔda so da duam awɛmfo abangua mu hɔ no, sɛ: 2 Sɛɛ na AWURADE a ɔyɛ ade yi, AWURADE a osiesie ma esi hɔ no a AWURADE ne ne din no se: 3 Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ. 4 Na sɛɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka kurow yi mu adan ne Yuda ahene adan a mpempe ne afoa nti woburuwii no ho: 5 Wɔreba ne Kaldeafo abɛko, na wɔde nnipa a mikum wɔn m’abufuw ne me yamgya mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani mahintaw ɔman yi no afunu abɛhyehyɛ hɔ amaama. 6 Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn. 7 Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum mɛsan aba bio, na mede wɔn masi hɔ sɛ kan no, 8 na mɛtew wɔn ho afi wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no mafiri wɔn. 9 Na [kurow no] bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn no nyinaa no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no no ho. 10 Sɛ AWURADE se ni: Ɛha yi a moka sɛ asɛe a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn a ɛdeda mpan a onipa ne okuroni ne aboa biara nni so no so, 11 na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose. 12 Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛha yi a asɛe a onipa ne aboa nni mu no ne ɛso nkurow nyinaa mu na ɛbɛdan nguanhwɛfo a wɔma wɔn nguan butubutuw hɔ no adidibea bio, 13 mmepɔw so nkurow, Sefela nkurow ne Negeb nkurow mu, ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu na nguan bɛfa ɔkanfo nsa ase atwam bio, AWURADE na ose. Dawid daakye aseni 14 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma asɛmpa a mekae Israel fi ne Yuda fi ho no abam. 15 Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee baa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so. 16 Nna no mu na wobegye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na nea wɔde bɛfrɛ no ni: AWURADE yɛn trenee. 17 Na sɛ AWURADE se ni: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fi agua so remmɔ Dawid da. 18 Na asɔfo, Lewifo no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre na wahyew aduan ayɛyɛde na wabɔ okum afɔre nna nyinaa remmɔ wɔn m’anim. Onyankopɔn daa apam 19 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 20 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mubetumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne bere mu a, 21 ɛno ansa na wobebubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’agua so adi hene, ne me ne Lewifo, asɔfo a wɔyɛ m’asomfo no, de no nso. 22 Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ. 23 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24 So wunhuu nea ɔman yi reka sɛ: Mmusua abien a AWURADE pawee no, wapa wɔn, no anaa? Na wobu me man animtiaa, sɛ wɔnnyɛ, wɔn ani so ɔman bio. 25 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛde no a, 26 ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana