Yeremia 31 - KYERƐW KRONKRONIsrael ne Yuda daakye apam 1 Ɛbere no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm ni, na wɔn nso ayɛ me ɔman. 2 Sɛ AWURADE se ni: Ɔman a wɔafi mu afi afoa ano no anya ɔdom sare so; mmere a Israel hwehwɛɛ ɔhome no. 3 AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ me fii teteete sɛ: Mede daa dɔ na adɔ wo, na ne saa nti, me nokwaredi ne wo wɔ hɔ. 4 Mesi wo bio, na woasi hɔ, Israel baabun, wobɛhyehyɛ wo mpintin bio, na woafi adi, na wo ne anigyefo asaw. 5 Wobɛtɛw bobe nturo Samaria mmepɔw so bio; atɛwfo bɛtɛw, na wobedi so aba nso. 6 Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfo bɛteɛm Efraim bepɔw so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn. 7 Na sɛ AWURADE se ni: Monto Yakob ho ahurusi dwom, mommɔ ose mma amanaman ti no. Momma wɔnte, munyi ayɛ, na monka sɛ: AWURADE, gye wo man, Israel nkae no nkwa. 8 Hwɛ, mede wɔn mifi atifi fam asase so reba, na makɔboa wɔn ano afi asase anoano tɔnn; na anifuraefo ne mpakye, apemfo ne mmaatan nyinaa ka ho bi; asafo yuu na wɔbɛsan aba ha. 9 Wɔde osu na ɛbɛba, na mɛkyekye wɔn werɛ de wɔn aba, na megya wɔn de wɔn akɔ asuten ho, ɔkwan tee a wɔrenhintiw wɔ so; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan. 10 Muntie AWURADE asɛm, amanaman, na monka wɔ akyirikyiri mpoano aman so sɛ: Nea ɔbɔɔ Israel petee no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne kuw. 11 Na AWURADE agye Yakob, na wagye no afi nea ɔyɛ den sen no nsam. 12 Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom, Sion sorɔnsorɔmmea ho, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduan ne nsa ne ngo ne nguammaa ne anantwi ho, na wɔn kra ayɛ sɛ turo a anya nsu pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio. 13 Ɛno na mmabaa ani begye asaw mu, na mmerante ne nkwakoraa abom anya anigye; na mɛdan wɔn nkɔmmɔdi ahosan, na makyekye wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afi wɔn awerɛhow mu. 14 Na mɛma srade amee asɔfo no kra, na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm ni. 15 Sɛ AWURADE se ni; Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne osu yawyaw. Rahel resu ne mma, na ɔmpene ne mma ho awerɛkyekye, efisɛ wonni hɔ. 16 Sɛ AWURADE se ni: Mma wo nne so nsu bio, w’aniwa nso, mma ɛnsen nusu, na w’adwuma so akatua wɔ hɔ, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛsan afi ɔtamfo asase no so; 17 na anidaso wɔ hɔ ma w’awiei, AWURADE asɛm ni, na mma bɛsan aba wɔn ahye so. 18 Ɔte na mate mmom, sɛ Efraim redi nkɔmmɔ sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso asotwe mu, na mete sɛ nantwi ba a onnim hwee: Dan me bra, ma mensan mmra, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn. 19 Na me nsanakyiri no akyi no, minuu me ho, na wuhuu me akyi no, mebɔɔ me srɛm; m’ani wui, na mesopae po, efisɛ meso me mmerantebere mu ahohora. 20 So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni. 21 Hyɛ ɔkwan no nsow fa, sisi kwankyerɛ adum fa, fa wo koma si ɔtempɔn so, ɔkwan a wofaa so kɔe, no so. San bra, Israel baabun, san bra wo nkurow yi mu. 22 Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akosi da bɛn, ɔbabea okyirisanfo? Na AWURADE abɔ ade foforo, asase so, ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban. 23 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Minya mede wɔn nnommum mesan meba a, wɔbɛda so aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkurow mu sɛ: AWURADE ahyira wo, trenee tenabea, bepɔw kronkron. 24 Na Yuda ne ne nkurow nyinaa bɛbom atena mu, akuafo ne wɔn a wɔne mmoakuw di atutena. 25 Na mɛma ɔkra a atɔ beraw ani so atetew no, na mama akra a atɔ piti nyinaa amee. 26 Eyi so na minyanee, na mehwɛe, na me nna no ate me dɛw mu. 27 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ medua Israel fi ne Yuda fi mama nnipa ase ne mmoa ase afɛe. 28 Na sɛnea m’ani saa wɔn sɛ metutu na mabubu na madwiriw na masɛe na mayɛ bɔne no, saa ara na m’ani beku wɔn ho sɛ mesi na madua, AWURADE asɛm ni. 29 Nna no mu no wɔrenka bio sɛ: Agyanom adi abuntwɛre, na mma se afem 30 Na mmom obiara ankasa amumɔyɛ nti na obewu; onipa biara a ɔtwɛre abun no na ne se bɛfem. Ɔdom apam foforo 31 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo. 32 Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, AWURADE asɛm ni. 33 Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. 34 Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio. 35 Sɛɛ na AWURADE se: Nea ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma ma ɛharan anadwo na onu po mu ma n’asorɔkye huru ne din de asafo AWURADE. 36 Sɛ ahyɛde horow yi sen fi m’ani so a, AWURADE asɛm ni, ɛno ansa na Israel asefo nso begyae sɛ wɔbɛyɛ ɔman wɔ, m’anim daa nyinaa. 37 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ wotumi susuw soro atifi, na wotumi bɔre asase nnyinaso hu wɔ fam a, ɛno ansa na me nso mɛpa Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ no nyinaa nti, AWURADE asɛm ni. Yerusalem bɛyɛ kɛse 38 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔbɛkyekyere kurow no ama AWURADE afi Hananel abantenten ho akosi twea so ponkɛse so, 39 na susuhama no befi hɔ ara afa ne ntentenso afi adi akodu Gareb koko so, na adan akɔ Goa, 40 na afunu ne nso bon no nyinaa ne nsaasewa nyinaa a ekodu asu Kidron ho kosi apɔnkɔ ponkɛse twea so, apuei no, bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiriw da biara da bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana