Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 30 - KYERƐW KRONKRON


Israel ne Yuda nkrabea

1 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se:

2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo yi hyɛ nhoma mu fa.

3 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum mɛsan aba, AWURADE na ose, na mama wɔasan aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabedi so.

4 Na eyinom ne nsɛm a AWURADE kae Israel ne Yuda ho no,

5 na sɛɛ na AWURADE se: Yɛate ahopopo nne, ehu aba, na asomdwoe nni hɔ.

6 Mummisa ɛ, na monhwɛ, so ɔbarima bɛko awo anaa? Ɛdɛn nti na mihu mmarima nyinaa nsa sɛ esisi wɔn asen so, sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu yi? Na anim nyinaa ayɛ fitaa yi?

7 Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob; nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa.

8 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm ni, mebubu ne kɔndua afi wo kɔn so, na matetew wo nkyehama, na ananafo renni no nya bio.

9 Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.

10 Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu.

11 Na midi w’akyi sɛ megye wo nkwa, AWURADE asɛm ni; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo de, meremma wunwie sa, na mɛtwe w’aso atɛntrenee so, na bem de, meremma wunni.

12 Na sɛ AWURADE se ni: Wo kuru ayɛ akisikuru, wo pira nni asaye.

13 Obi nni hɔ a odi ma wo a ɔbɛtoto ama wo, nnuru ne ntareso nni hɔ mma wo.

14 W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo, wommisa w’akyi kwan. Na ɔtamfo pira na mapira wo, otirimmɔdenfo asotwe na mede matwe wo, w’amumɔyɛ dodow so, sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.

15 Adɛn nti na wo kuru no nti wusu sɛ wo yaw nni asaye? W’amumɔyɛ dodow, wo bɔne a emu yɛ den nti na mayɛ wo sɛɛ yi.

16 Ɛno nti wɔn a wɔtetew wo nyinaa, wɔbɛtetew wɔn, na wɔn a wohiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wotwa wo dwow no, wobetwa wɔn dwow, na wɔn a wɔfow wo nyinaa, mɛma wɔafow wɔn.

17 Na mɛkyekyere wo kuru, na masa w’apirakuru, AWURADE asɛm ni, efisɛ wɔfrɛ wo: Nea wɔapam no, Sion a obi mmisa n’akyi kwan.

18 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Yakob ntamadan mu nnommum meresan aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kurow no ne dabere, na aban afɛfɛ nso besi nea ɛsɛ.

19 Na aseda ne agofo nne befi mu; na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua, na mɛhyɛ wɔn anuonyam, na wɔrenyɛ ketewaa.

20 Na ne mma bɛyɛ sɛ kan no, na n’asafo no agyina m’anim pintinn, na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔhaw no nyinaa aso.

21 Na wɔn hene befi wɔn ara mu, na wɔn sodifo nso befi wɔn mu, na mɛma watwiw abɛn me, na hena ne nea obesi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm ni.

22 Na wobɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wo Onyankopɔn.

23 Hwɛ, AWURADE ahum ne abufuhyew retu, ahum a edi kyinhyia besi abɔnefo atifi.

24 AWURADE abufuw hyewhyew rensan, gye sɛ ayɛ ne komam nsusuwii ama atim ansa; nna a edi akyiri no mu na mobɛte eyi ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan