Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 3 - KYERƐW KRONKRON


Ahonu ho kɔkɔbɔ

1 Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni.

2 Ma w’ani so kyerɛ nkoko pataa no so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi ɛ? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ sare so Arabiani, na wode w’aguamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.

3 Enti asusow ano asiw, na adonsu ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbea aguaman de ara, na wunnim aniwu.

4 So afei de womfrɛɛ me sɛ: M’agya, me mmabunbere mu adamfo ne wo!

5 So ɔde bɛhyɛ ne yam akosi daa a? So ɔbɛfa abufuw akosi ase? Hwɛ, woka no saa de, nanso woyɛ nnebɔne a wubetumi nyinaa.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ me ɔhene Yosia bere so sɛ: Woahu nea ɔkobɔfo Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so ne dua biara a esi frɔmm ase akɔbɔ aguaman wɔ hɔ.

7 Na mise: Ɔyɛ eyinom nyinaa wie a, ɔbɛsan aba me nkyɛn, nanso wansan: Na ne nuabea sansani Yuda hui;

8 ohui sɛ ɔkobɔfo Israel awaresɛe nti ara na mekoo no maa no ɔko nhoma de, nanso ne nuabea sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman.

9 Na aguamammɔ a wammu no hwee nti, oguu asase no ho fi, na ɔne ɔbo ne dua sɛee aware.

10 Na eyi nyinaa mu mpo ne nuabea sansani Yuda amfa ne koma nyinaa ansan amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm ni.


Yerusalem ne Yuda so nhyira

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfo Israel kra teɛ sen ɔsansani Yuda.

12 Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! AWURADE asɛm ni. Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na ɔdomfo ne me, AWURADE asɛm ni. Meremfa menhyɛ me yam nkosi daa.

13 Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni.

14 Mma akyirisanfo, monsan mmra, AWURADE asɛm ni, na mene mo wura; na mɛfa mo, kurow biara mu, obiako, ne abusua biara mu, baanu, na mede mo maba Sion.

15 Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.

16 Na mo dɔɔso na mo ase fɛe asase no so a, saa bere no, AWURADE asɛm ni, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma koma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio.

17 Ɛbere no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahengua, na amanaman nyinaa abehyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔrenni wɔn koma bɔne denyɛ akyi bio.

18 Nna no mu na Yuda fi ne Israel fi bɛbom anantew, na wɔafi atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii so no so.

19 Na mise: Mede wo mesi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo. Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensan mfi m’akyi bio.

20 Ampa, sɛ ɔbea twa ne dɔfo nkontompo no, sɛ mo, Israel fi, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm ni.

21 Wɔte nne bi nkoko pataa so, Israel mma su ne nkotɔsrɛ, sɛ wɔakɔntɔn wɔn kwan, wɔn werɛ afi AWURADE, wɔn Nyankopɔn no.

22 Monsan mo akyi, mma akyirisanfo, mɛsa mo akyirisan no. Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn.

23 Ampa ara, nkoko ne mmepɔw so hooyɛ yɛ ɔkwa. Ampa ara, AWURADE, yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagye wɔ.

24 Na aniwude no adi nea yɛn agyanom brɛɛ ho no fi yɛn mmofraase: Wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea.

25 Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan