Yeremia 29 - KYERƐW KRONKRONNhoma a Yeremia de kɔma atukɔfo no 1 Nso odiyifo Yeremia kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ nhoma mu de fi Yerusalem menaa atukɔfo no mu mpanyimfo nkae ne asɔfo ne adiyifo ne nkurɔfo a Babel hene Nebukadnesar tuu wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa, 2 bere a ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafo ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔe no; 3 ɔde menaa Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Babel no; ese: 4 Sɛɛ na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka kyerɛ atukɔfo a mema wotuu wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa: 5 Munsisi adan na montena mu, na monyɛ nturo na munni mu aba. 6 Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmabea, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmabea mmoma okununom aware, na wɔnwowo mmabanin ne mmabea, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua. 7 Na monhwehwɛ kurow a mema wotuu mo kɔɔ hɔ no yiyedi, na mommɔ AWURADE mpae mma no; na ne yiyedi mu na mubedi yiye. 8 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfo no nnsisi mo, na munntie mo adae a mososo no, 9 na atoro mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, mensomaa wɔn ɛ, AWURADE asɛm ni. 10 Na sɛ AWURADE se ni: Mfirihyia aduɔsɔn nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi. 11 Na me de, minim adwene ko a meredwen mo ho, AWURADE asɛm ni, asomdwoe adwene, na ɛnyɛ bɔne de, sɛ merema mo awiei pa ne anidaso. 12 Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpae, na matie mo; 13 na mobɛhwehwɛ me ahu me, efisɛ mode mo koma nyinaa bɛhwehwɛ m’akyi kwan. 14 Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm ni. Na mede mo nnommum mɛsan aba, na maboa mo ano afi amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm ni, na mede mo mɛsan aba nea mema wotuu mo fii hɔ kɔe no. 15 Esiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifo so ama yɛn Babel nti, 16 sɛɛ na AWURADE ka ɔhene a ɔte Dawid agua so no ne ɔman a wɔte kurow yi mu, mo nuanom a wɔne mo amfi ankɔ tukɔ no mu nyinaa ho, 17 sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merema afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu, na mama wɔadan sɛ mmorɔdɔma porɔwee a oye a enye nti wontumi nni. 18 Na mede afoa, ɔkɔm ne owuyare metiw wɔn, na mama wɔaguan wɔn ho asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadan nnome ne ahodwiriwde ne fɛwdi ne ahohorade, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu, 19 efisɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm ni, sɛ mesomaa me nkoa adiyifo baa wɔn nkyɛn, mituaa ahema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm ni. 20 Enti muntie AWURADE asɛm, mo atukɔfo a mama moafi Yerusalem akɔ Babel no nyinaa. 21 Sɛɛ na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntoro no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, na wakum wɔn mo anim. 22 Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfo a wɔwɔ Babel no nyinaa anom sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyew wɔn no, 23 esiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafofa wɔn mfɛfo yerenom, na wɔaka me din mu atosɛm a menhyɛɛ wɔn ɛ, na me na minim, na mene dansefo, AWURADE asɛm ni. Ɔmena nhoma a efi atukɔfo no hɔ kɔma ɔsɔfo panyin Semaia 24 Na ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ: 25 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo ara wo din mu wode nhoma amena ɔman a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania ne asɔfo no nyinaa sɛ: 26 AWURADE ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada ananmu, sɛ monye ahwɛfo nhwɛ AWURADE fi ntia obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɔdan mu nti, 27 afei, ɛdɛn nti na woantwiw Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim? 28 Efisɛ wasoma aba yɛn nkyɛn Babel sɛ: Ɛbɛkyɛ: Munsisi adan ntena mu na monyeyɛ nturo nni mu aba! 29 Na ɔsɔfo Sefania kenkan nhoma yi odiyifo Yeremia asom. 30 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 31 Soma kose atukɔfo no nyinaa sɛ: Sɛɛ na AWURADE ka Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atoro so nti, 32 sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefo aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, obehu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm ni, efisɛ waka atuatew atia AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana