Yeremia 28 - KYERƐW KRONKRONYeremia ne atoro diyifo Hanania 1 Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase, afe a ɛto so anan no, sram a ɛto so anum so, Asur ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon no ka kyerɛɛ me AWURADE fi, asɔfo ne ɔman no nyinaa anim sɛ: 2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mabubu Babel hene kɔndua no, 3 ɛha mfirihyia abien pɛ, mede AWURADE fi nneɛma a Babel hene Nebukadnesar bɛfa fii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa mɛsan aba ha yi. 4 Na Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda atukɔfo a wɔkɔɔ Babel no nyinaa, mede wɔn mɛsan aba ha yi bio, AWURADE asɛm ni, na mebubu Babel hene kɔndua no. 5 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania, asɔfo no ne ɔman a wogyinagyina AWURADE fi no nyinaa anim, 6 na odiyifo Yeremia kae sɛ: Saa? AWURADE mma ɛnyɛ sa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fi nneɛma ne atukɔfo nyinaa befi Babel asan aba ɛha yi no mmra mu. 7 Nanso tie asɛm a mereka wo ne ɔman no nyinaa asom yi ɛ: 8 Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm. 9 Odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ odiyifo no asɛm nya ba mu a, ɛno na wohu odiyifo a AWURADE somaa no nokwarem. 10 Ɛnna odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so bubuu mu. 11 Na Hanania kae ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mebubu Babel hene Nebukadnesar kɔndua no afi amanaman nyinaa kɔn so, ɛha mfe abien pɛ! Na Yeremia siim kɔɔ ne kwan. 12 Na odiyifo Hanania bubuu kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Dua kɔndua na woabubu mu, na yɛ dade kɔndua si ananmu. 14 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Dade kɔndua na mede mato amanaman yi nyinaa kɔn so, sɛ wɔnsom Babel hene Nebukadnesar; nso wɔbɛsom no, na mede wuram mmoa po mama no. 15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo ɛ, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atoro so. 16 Ɛno nti, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretu wo mafi asase ani: Afe yi na wubewu, efisɛ woaka atuatew ahyɛ AWURADE. 17 Na odiyifo Hanania wui afe no ara mu ɔsram a ɛto so ason mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana