Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 22 - KYERƐW KRONKRON


Wɔbɔ ahemfifo kɔkɔ, atemmu ho

1 Sɛ AWURADE se ni: Sian kɔ Yuda hene fi, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ:

2 Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid agua so no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apon yi mu ba mu no.

3 Sɛ AWURADE se ni: Mummu atɛntrenee, nyɛ adetrenee, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na ɔhɔho, ayisaa ne okunafo, monnhyɛ wɔn so, mommmɔ wɔn atirimmɔden, na mogya a edi bem nso, munnhwie nngu ɛha yi.

4 Na sɛ mudi asɛm yi so ampa a, ɛnne ahene a ɛtete Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa ofi yi apon akɛse mu aba mu, ɔno ne ne nkoa ne ne man.

5 Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnne maka me ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ ofi yi bɛdan ofituw.

6 Na sɛ AWURADE ka Yuda hene fi ho ni: Anka mote sɛ Gilead ma me, ne Lebanon nkoko atifi, nanso mɛdan wo anwea pradada so, ne nkurow a wɔnte mu!

7 Na mereyi asɛefo mahyɛ wo, wɔn akode kurakura wɔn, na wɔatotow wo nkyeneduru a wɔapaw no de agugu ogya mu.

8 Na amanaman pii betwam kurow yi ho, na wɔasise wɔn ho wɔn ho sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ kurow kɛse yi sɛɛ?

9 Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforo asom wɔn.

10 Munnsu owufo na munnnyam no. Osu mmom na munsu nea ɔrekɔ no, na ɔrensan mma bio mmehu n’awo asase.


Yosia mma ho atemmusɛm

11 Na sɛ AWURADE ka Salum a ɔyɛ Yuda hene, Yosia ba a odi hene si n’agya Yosia ananmu a ofi ha kɔe no ho ni: Ɔrensan mma ha bio,

12 na nea wɔatu no kɔ no, ɛhɔ na obewu, na ɔrenhu asase yi bio.

13 Nea ɔfa ɔkwan a ɛnteɛ so kyekye ne fi na ɔde nsisi si n’abansoro na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!

14 Nea ɔka sɛ: Mesi dan a emu da hɔ ayeyɛ mu abansoro adan, a ɛsosoe pii mafa, na otwitwa mu mfɛnsere, na ɔde nkyeneduru sɛm mu, na ɔde adukɔkɔɔ sra mu!

15 W’ani abere kyeneduru ho yi nti, so wubedi hene nen? So w’agya annidi annom ammu atɛntrenee anyɛ adetrenee? Ɛno nti nso na esii no yiye.

16 Odii ɔbrɛfo ne ohiani asɛm maa wɔn, enti na esii no yiye. So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm ni.

17 Nanso w’aniwa ne wo koma nni hwee so sɛ wo mfaso so, ne mogya a edi bem so sɛ engu fam, ne amim ne nhyɛso so sɛ wobɛyɛ.

18 Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho ni: Wɔrennyam no sɛ: Due, me nuabanin! Ne: Due, onuabea! Wɔrennyam no sɛ: Due, owura! Ne: Due, onuonyamfo!

19 Afurum sie na wɔde besie no, wɔbɛtwe no atow no akyene Yerusalem apon akyi.

20 Foro kɔ Lebanon kosu, na ma wo nne so Basan, na teɛm fi Abarim, efisɛ wɔadwerɛw w’adɔfo nyinaa.

21 Wudii yiye no, mekasa mekyerɛɛ wo, na wuse: Merentie. Saa ne wo kwan fi wo mmabunbere, sɛ wuntie me nne.

22 Mframa bɛyɛn w’ayɛnfo nyinaa, na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu; ɛno ansa na w’ani bewu na w’anim agu ase, wo bɔne nyinaa ho.

23 Wo a wote Lebanon na woayɛ wo berebuw nkyeneduru so no, sɛ ɛyaw ne awoko, sɛ ɔbaa wofo de ba wo so a, anka wobesi apini dɛn?


Konia ho atemmusɛm

24 Sɛ mete ase yi, AWURADE asɛm ni, sɛ Yuda hene Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa po a, anka mɛtew no mafi hɔ.

25 Na mede wo mɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wusuro wɔn anim no nsa, ne Babel hene Nebukadnesar ne Kaldeafo nsa;

26 na mɛpra wo ne wo na, a ɔwoo wo no makɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mubewuwu,

27 na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsan aba so no, wɔrensan mma hɔ bio.

28 So ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ annwene a abɔ na wommu, anaa ade bi a obiara ani nnye ho? Ɛdɛn nti na wɔtow no ne n’asefo gu asase a wonnim so yi?

29 Asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm!

30 Sɛ AWURADE se ni: Monkyerɛw ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ nea onni mma, ɔbarima a ɔrenni yiye ne nna nyinaa, na n’asefo mu biara a ɔbɛtena Dawid ahengua so na wadi Yuda so bio no renni yiye.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan