Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 21 - KYERƐW KRONKRON


Sedekia asɛmmisa ho mmuae

1 Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a ɔhene Sedekia somaa Malkiya ba Pashur ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa ne nkyɛn sɛ:

2 Bisa AWURADE hɔ ade ma yɛn, efisɛ Babel hene Nebukadnesar ne yɛn rebedi ako, ebia AWURADE ne yɛn bedi sɛ n’anwonwade no nyinaa te no, na wafi yɛn so akɔ.

3 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Sedekia sɛ:

4 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meredan mo nsam akode a mode ne Babel hene ne Kaldeafo a wɔabetua mo ɔfasu akyi reko no, na maboa ano maba kurow yi mfinimfini.

5 Na me ara mede nsa a ateɛ ne basa a ɛyɛ den ne abufuw ne abohuru ne anibere kɛse ne mo bɛko,

6 na mabɔ kurow yi mufo, nnipa ne mmoa. Owuyare kɛse ano na wobewuwu.

7 Na ɛno akyi no, AWURADE asɛm ni, meyi Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kurow yi mu a wɔafi owuyare ne afoa ne ɔkɔm mu no mahyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wakunkum wɔn afoa ano, ɔrenkora wɔn so na ɔrenhu mma wɔn na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.

8 Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan meregu mo anim,

9 nea ɔtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi na ɔkɔbɔ Kaldeafo a wobetua mo no so no, obenya nkwa, na ne kra adan no asade.

10 Na mede m’ani makari kurow yi, sɛ bɔne na ɛmmra no so, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm ni, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahyew no.

11 Na ka kyerɛ Yuda hene fi sɛ: Muntie AWURADE asɛm.

12 Dawid fi, sɛ AWURADE se ni: Munni asɛntrenee anɔpa, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew a obi rennum, mo nsɛnnii bɔne no nti.

13 Hwɛ, me ne mo a mote obon mu, asasetaw so botan so no anya, AWURADE asɛm ni, mo a moka sɛ: Hena na obesian aba yɛn so anaa hena na ɔbɛba yɛn tenabea no?

14 Na mɛba mabetua mo ka sɛ mo nsɛnnii aba te no, AWURADE asɛm ni, na mɛsɔ ogya, ne kwae mu, na ahyew nneɛma nyinaa ahyia ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan