Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 2 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn bɔ Israel ho ban

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so,

3 Israel yɛ kronkron ma AWURADE, ɛyɛ ne nnɔbae mu aduankan; wɔn a wodii nyinaa dii fɔ; adebɔne baa wɔn so, AWURADE asɛm ni.

4 Muntie AWURADE asɛm, Yakob fi ne Israel fi mmusua nyinaa.

5 Sɛ AWURADE se ni: Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho a enti wofii me ho kɔɔ akyirikyiri na wokodii ahuhude akyi na wɔadannan hunu yi?

6 Na wɔanka sɛ: AWURADE wɔ he? Nea oyii yɛn fii Misraim asase so no, na ɔma yɛfaa sare so, na ɔma yɛfaa anwea ne abon asase so, keseeyɛ ne sum kabii asase so, asase a obi mfa so na onipa bi nte hɔ so no!

7 Na mede mo mebaa asasebere so, sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa; nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi, na mode m’agyapade yɛɛ akyide.

8 Asɔfo no anka sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfo no anhu me, na ahwɛfo no afom me, na adiyifo no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wodii nneɛma a ɛho nni mfaso akyi.

9 Enti me ne mo da so ham, AWURADE asɛm ni, na me ne mo mma mma bɛham.

10 Na muntwam nkɔ Kitifo mpoano nkɔhwɛ, anaa monsoma nkɔ Kedar nkopeepee mu yiye, na monhwɛ sɛ ade a ɛte sɛ eyi aba pɛn anaa?

11 So ɔman bi asakra wɔn anyame? Nso wɔn mpo de, wɔnyɛ anyame. Na me man de n’anuonyam asesa nea ɛho nni mfaso.

12 Momma eyi nyɛ mo nwonwa, ɔsoro, ahodwiriw ne nketenkete nkita mo, AWURADE asɛm ni.

13 Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.

14 So Israel yɛ akoa? Israel yɛ ofienipa? Ɛdɛn nti na wadan afow ade yi?

15 Gyataforo bobom na wɔpo so wɔ no so; na wɔayɛ n’asase amamfo, wɔahyehyew ne nkurow, na obi nte mu.

16 Memfis ne Tahpanhes mma nso asɛe w’ahenkyɛw.

17 So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa, sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, bere a ɔde wo nam ɔkwan no so?

18 Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?

19 Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


Abosonsom ne ahohwibɔ

20 Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman.

21 Na me de, matɛw wo bobe pa ma wufi nea eye nko ara mu, na ɛyɛɛ dɛn na woadan me amannɔne bobe nhama yi?

22 Ɛwom sɛ wode gyakisi guare, na wofa samina ma ɛdɔɔso de, w’amumɔyɛ yɛ m’anim nkekae ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

23 Ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi ɛ, Baalim akyi nso minnii ɛ? Hwɛ wo kwan obon no mu, hu nea woayɛ. Yomabere a wagyigya a ɔkɔntɔnkɔntɔn ne kwan,

24 ha mu afurum a sare so akokwaw no a ne kra akɔnnɔ mu osɔw mframa no, hena na obesianka ne yem? Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ, ne sram mu na wohu no.

25 Hwɛ wo nan yiye, na ɛho anna hɔ, ne wo menewa nso, na osukɔm anne wo. Na wo de, wokae sɛ: Ɔkwa! Dabi! Na mepɛ ananafo, na wɔn akyi na medi.

26 Sɛ wɔkyere owifo a, n’ani wu no, saa na Israel fi ani awu, wɔn, wɔn ahene, wɔn asafohene ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo

27 a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo! Ne ɔbo nso sɛ: Wo na wowoo me! No; efisɛ wɔadannan wɔn akyi akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu bere mu de, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.

28 Na ɛhe na w’anyame a woyɛ fae no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wobegye wo w’amanehunu bere mu anaa? Na sɛ wo nkurow dodow te no, saa ara na w’anyame nso dodow te, o Yuda!

29 Ɛdɛn nti na mo ne me ham ara? Mo nyinaa moafomfom me, AWURADE asɛm ni.

30 Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.

31 Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm. So madan Israel sare so anaa asase a aduru sum kabii? Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha, yɛremma wo nkyɛn bio?

32 So ababaa werɛ befi n’ahyehyɛde, ayeforo werɛ befi n’abɔso? Nanso me man de, wɔn werɛ afi me, nna a wontumi nkan.

33 Hwɛ sɛnea wusiesie wo kwan de pɛ adɔfo! Ɛno nti nso mmea bɔne mpo woakyerɛ wɔn w’akwan.

34 Nso w’atade mmuano na wohu ahiafo a wodi bem no mogya; nso woanhu sɛ wobubu adan kɔ mu. Nanso eyinom nyinaa akyi no,

35 woka sɛ: Midi bem. Ampa, n’abufuw adan afi me so. Hwɛ, me ne wo bedi, nea woka sɛ: Menyɛɛ bɔne ɛ, no nti.

36 Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan! Misraim ho nso w’ani bewu, sɛnea w’ani wui Asaria ho no.

37 Ɛhɔ nso na wubefi aba a wode wo nsa agu wo ti, efisɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn so no, na worenni yiye wɔn nkyɛn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan