Yeremia 19 - KYERƐW KRONKRONYuda sɛe ho sɛnkyerɛnne bi 1 Sɛ AWURADE kae ni: Kɔ na kɔtɔ ɔnwemfo nkyɛn kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanyimfo ne asɔfo mu mpanyimfo no bi ka wo ho, 2 na fi adi kɔ Hinom ba bon a ɛwɔ anwemfo pon ano no mu, na pae nsɛm a mɛka makyerɛ wo no wɔ hɔ. 3 Na ka sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede adebɔne reba ɛha yi a obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn. 4 Efisɛ ɔman no agyaw me, na wɔadi ananafo asɛm ɛha yi, na wɔahyew aduhuam wɔ ha, ama anyame foforo a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahene nhuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifo mogya ahyɛ ɛha yi ma. 5 Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mma abobɔ ɔhyew afɔre ama Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmaa me komam da. 6 Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bon bio, na mmom wɔbɛfrɛ no: Okum bon. 7 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afoa ano, wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama wim nnomaa ne wuram mmoa adi. 8 Na mɛyɛ kurow yi amamfo ne fɛwdi, obiara a obetwam wɔ ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no na wabɔ hwirema hweehwee. 9 Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmabea nam, na wobedi wɔn ho wɔn ho nam, ahohia ne ahoguan a wɔn atamfo ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no de beguan wɔn ho no mu. 10 Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo kɔe no anim, 11 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea wɔbɔ ɔnwemfo kuku a wontumi nyɛ no yiye bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi. Na Tofet ara na wobesie wɔn, efisɛ wɔrennya baabi nsie bio. 12 Saa na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafo, AWURADE asɛm ni, na mede kurow yi mɛyɛ sɛ Tofet. 13 Na Yerusalem afi ne Yuda ahene afi no ho begu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehyew atifi aduhuam ama ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforo no. Pashur yɛ Yeremia aninyanne 14 Ɛnna Yeremia fii Tofet, nea AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ bae, na okogyinaa AWURADE fi abangua mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: 15 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne a maka magu kurow yi so no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana