Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 18 - KYERƐW KRONKRON


Yeremia wɔ ɔnwemfo fi

1 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn ni:

2 Sɔre sian kɔ ɔnwemfo fi, na mɛma woate me nsɛm hɔ.

3 Ɛnna misian mekɔɔ ɔnwemfo fi, na hwɛ, ɔreyɛ n’abo so adwuma.

4 Na ade a ɔreyɛ, sɛ ɔnwemfo nsam dɔte no, sɛee. Na ɔsan de yɛɛ ade foforo, sɛnea ɛteɛ ɔnwemfo no ani so.

5 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

6 So merentumi nyɛ mo, Israel fi, sɛ ɔnwemfo yi? AWURADE asɛm ni. Hwɛ, sɛ dɔte te ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo, Israel fi, nso mote me nsam.

7 Mpofirim na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ metu na madwerɛw na masɛe no.

8 Na sɛ ɔman no san fi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnne minu me ho adebɔne a misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

9 Na mpofirim nso na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ mede mesi hɔ na matɛw.

10 Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne ntie me a, ɛnne minu me ho, yiye a mekae sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

11 Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen mo ho bɔne na mapam mo so apam. Mo nyinaa monsan mo akyi mfi mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye ɛ!

12 Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yebedi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn koma bɔne denyɛ no so ade.

13 Enti sɛ AWURADE se ni: Munkobisa amanaman no mu ɛ, hena na wate saa ade yi pɛn? Ahodwiriwde pa ara na Israel ababaa no ayɛ.

14 So Lebanon sukyerɛma pa asase so botantim no? So amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsen no bɛyow?

15 Na me man werɛ afi me, wɔahyew aduhuam ama atetade, na wɔma wohintihintiw wɔn akwan so, teteete atempɔn so, sɛ wɔnnantew akwan a ɛnyɛ akwammɔne so.

16 Sɛ wɔnnan wɔn asase no amamfo ne daa fɛwdi. Obiara a obetwam hɔnom no ho bedwiriw no, na wawosow ne ti.

17 Te sɛ apuei mframa no, mɛbɔ wɔn mapete wɔn atamfo anim, m’akyi mmom, na ɛnyɛ anim, na mede mɛkyerɛ wɔn, wɔ wɔn sɛe da no.


Wɔbɔ Yeremia ho pɔw bɔne

18 Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.

19 Yɛ aso ma me ɛ, AWURADE, na tie wɔn a wɔne me ham no.

20 So wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu? Nso wɔatu amoa ama me kra, Kae sɛnea migyinaa w’anim sɛ mereka papa mama wɔn, na mede asan w’abufuw afi wɔn so.

21 Enti yiyi wɔn mma ma ɔkɔm, na yi wɔn to afoa ano, na wɔn yerenom nni mmasigyaw na wɔnnannan akunafo, na owu nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afoa mmobɔ wɔn mmerante dɔm ano.

22 Ma wɔnte osu nka mfi wɔn afi mu, sɛ wode asafo bi reba wɔn so mpofirim, efisɛ wɔatu amoa sɛ wɔde reyi me, na wɔasunsum m’anan afiri.

23 Na wo, AWURADE, wunim wɔn agyina a wɔkɔ me ho repɛ me wu no nyinaa. Nkata wɔn amumɔyɛ so, na mpopa wɔn bɔne mfi w’anim, na wɔnhwehwe w’anim ase; w’abufuw bere mu na wo ne wɔn nni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan