Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 17 - KYERƐW KRONKRON


Asodi ne asotwe, ahotoso ne anidaso

1 Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua ne adɛnkyemmo hwɛti na akyerɛw, wɔakurukyerɛw wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so,

2 bere a wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkoko sorɔnsorɔn so no.

3 Me bepɔw ne ɛho asase, mede w’ahode ne w’akorade nyinaa mɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.

4 Na wubegyaw w’agyapade a mede memaa wo no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wunnim so so, efisɛ moasɔ m’abufuw mu gya a ɛbɛdɛw daa.

5 Sɛ AWURADE se ni: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa so, na ɔde ne ho to ɔhonam yi so sɛ n’ahoɔden, na ne koma atwe afi AWURADE ho!

6 Na ɔbɛyɛ sɛ dua kwatikwati anwea pradada so, na ɔrenhu sɛ papa reba, na ɔbɛtena sare so nkyerekyerewa so ne nkyene asase a obi nte so so.

7 Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE so, na AWURADE yɛ n’anidaso!

8 Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛw, asukɔn so, na ne ntini tenetene kɔ asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm, na osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow.

9 Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?

10 Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.

11 Nea ɔpɛ ade anya na onnya no trenee so no te sɛ akokɔhwerew a obutuw nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee so, obebu ne nna mu fa agyaw, na n’awiei mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.

12 Anuonyam ahengua a esi sorɔnsorɔn so fi teteete ne yɛn kronkronbea:

13 O, AWURADE, O Israel anidaso, wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewuwu; wɔn a wɔsan fi w’akyi no, asase mu na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw nkwa nsuti AWURADE no.


Yeremia bɔ mpae srɛ fakyɛ

14 AWURADE, sa me yare, na me ho asan; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyi.

15 Hwɛ, sɛnea, wɔka kyerɛ me sɛ: Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ? Ma ɛmmra ɛ!

16 Nso me de, meda so yɛ oguanhwɛfo ara menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusu da no kwan, wo ara wunim. Nea efi m’anom no, ɛda w’anim hɔ.

17 Nyɛ me nea oyi me hu, me guankɔbea ne wo, ɛda bɔne mu.

18 Ma m’atiwfo ani nwuwu, na me de, mma m’ani nnwu; wɔn de, ma wɔn koma ntutu, na me de, mma me koma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubu mmɔho bubu wɔn.


Homedadi ho afotu

19 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ kogyina ɔmanfo ponkɛse no a Yuda ahene di mu ahyemfiri no mu, ne Yerusalem aponkɛse nyinaa mu,

20 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahene ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfo a mofa apon yi mu ba mu nyinaa.

21 Sɛ AWURADE se ni: Monhwɛ mo kra so yiye, na monnsoa adesoa bi homeda mmfa mmfa Yerusalem apon mu mmma mu,

22 na monnsoa adesoa bi nso mmfi mo afi mu mmfi adi homeda, na monnyɛ adwuma biara. Na munni homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.

23 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn kyenkyerenn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene nteɛso.

24 Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm ni, sɛ mutie me, na momfa adesoa biara mfa kurow yi apon mu mma mu homeda, na mudi homeda no kronkron nyɛ emu adwuma biara a,

25 ɛnne ahene ne asafohene a wɔbɛtena Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, wɔbɛfa kurow yi apon mu aba mu. Na nnipa bɛtena kurow yi mu daa.

26 Na wobefi Yuda nkurow mu ne nea ɛwowɔ Yerusalem ho ne Benyamin asase so ne mmepɔw ase ne mmepɔw so ne nifa fam aba de ɔhyew afɔre ne okum afɔre ne aduan ayɛyɛde ne aduhuam aba, na wɔde ayeyi afɔre aba AWURADE fi.

27 Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan