Yeremia 15 - KYERƐW KRONKRONYudafo no asotwe 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ. 2 Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛhe fa na yemfi nkɔ? A, ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu, na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu, na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu. 3 Na nneɛma horow anan na mɛma aba wɔn so, AWURADE asɛm ni: Afoa a wɔde bekum wɔn, ne akraman a wɔbɛtwetwe wɔn, ne wim nnomaa ne asase so mmoa a wobedi wɔn asɛe wɔn. 4 Na mɛma wɔaguan wɔn ho, asase so ahenni nyinaa mu, Yuda hene Manase a ɔyɛ Hesekia ba ne nea ɔyɛ Yerusalem no nti a. Ɔsa mu amanehunu 5 Na hena na obehu wo mmɔbɔ, O Yerusalem? Na hena na obegyam wo? Na hena na ɔbɛman akobisa nea w’asomdwoe no wɔ? 6 Woapa me, AWURADE asɛm ni, na wo nsanakyiri no kɔ so ara; enti na meteɛɛ me nsa wo so, na mesɛee wo; mabrɛ ne mmɔborohunu. 7 Na mede nhuwso apaawa mehuw wɔn so, asase no mmobowano; mekunkum wɔn mma, mɛsɛe me man a wɔnsan mfi wɔn akwan so no. 8 Wɔn akunafo dɔɔso sen mpoano anwea, mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so na awia ketee nso, mama piriwbɔ ne nketenkete agu no so mpofirim; 9 ɔbea a wawo ason agurow, wagyaa mu; ade nnya nsae na ne wia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na meyi wɔn nkae mama afoa, wɔn atamfo anim, AWURADE asɛm ni. Odiyifo no di nkɔmmɔ bio Kyerɛ AWURADE 10 Minnue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham yiyi ntɛn. Memfɛm nnyee mfɛntom na obi mfɛm me bi ɛ, nanso wɔn nyinaa dome me. 11 AWURADE se: Ampa ara, megye wo ma ayɛ yiye, ampa ara, mɛma ɔtamfo abɛpa wo kyɛw, bere bɔne ne ahohia bere mu. 12 So dade bi betumi abu dade, dade a efi benkum fam, ne kɔbere? 13 Mɛma wɔafom mo ahode ne mo akorade, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ, mo asase no nyinaa so no nyinaa nti; 14 na mɛma mo ne mo atamfo no asen akɔ asase bi a munnim so, efisɛ ogya bi asɔ m’abufuw mu a ɛbɛdɛw mo so. 15 Wo, AWURADE, wunim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ me were ma me m’atiwfo so; wo bo a ɛkyɛ fuw no nti mfa me nkɔ; hu sɛ wo nti na mesoa ahohora. 16 Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ m’aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, AWURADE, asafo Nyankopɔn. 17 Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metenae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma. 18 Ɛdɛn nti na me yaw wɔ hɔ daa yi, na me kuru ayɛ akisikuru a wɔsa a ɛnsa yi? So wobɛyɛ sɛ asu a edi huammɔ a ennyina ama me anaa? 19 Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn. 20 Na mede wo misi hɔ mema ɔman yi sɛ kɔbere fasu dennen, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, na me na midi w’akyi na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm ni. 21 Na meyi wo afi abɔnefo nsam, na magye wo afi atirimmɔdenfo nsam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana