Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 14 - KYERƐW KRONKRON


Ɔyow bere a ɛyɛ hu no

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn osu a antɔ ho ni.

2 Yuda di nkɔmmɔ, na ne nkurow apon agurogurow, wɔde awerɛhow si wɔn ti ase twann, na Yerusalem nteɛm foro kɔ soro.

3 Na wɔn mu atitiriw soma nkumaa no nsusaw; wɔba nsubon ano, wonnya nsu; wɔde wɔn nhina hunu san ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti.

4 Osu a ɛntɔ asase no so nti na fam awo kesee no, akuafo ani awuwu, wɔakatakata wɔn ti.

5 Na mfuwa so forotebere nso, ɔwo a, ogyaw ne mma, efisɛ wura bi nni hɔ.

6 Na sare so mfurum gyinagyina mpampa so, wɔsom mframa sɛ sakraman, wɔn aniwa ayɛ siamoo, efisɛ ahaban bi nni hɔ.

7 Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.

8 Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?

9 Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wayɛ basaa, sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnyaw yɛn hɔ.

10 Sɛ AWURADE ka kyerɛ ɔman yi ni: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansiw wɔn anan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na watua wɔn bɔne so ka.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mmɔ mpae nsrɛ papa mma ɔman yi.

12 Ɛwom sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn nkotɔsrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rensɔ wɔn, na afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛdwerɛw wɔn koraa.

13 Na mise: Aa AWURADE, hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa, na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atoro na adiyifo no de hyɛ me din ho nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn na menkasa menkyerɛɛ wɔn ɛ; atoro anisoadehu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn koma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.

15 Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no.

16 Na ɔman a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɔkɔm ne afoa no nti wobegugu Yerusalem mmorɔn so, na obi bi nni hɔ a obesie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.

17 Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’aniwa poroporow nusu anadwo ne awia, na ennyae, efisɛ wɔde ɔbobɔ kɛse abobɔ me man babea ababaa, wɔapira no ma ayɛ yaw sɛ.

18 Sɛ mifi mekɔ wuram a, hwɛ mihu, afoa ano atɔfo; na sɛ meba kurow mu a, hwɛ, ɔkɔm ano atɔfo ni; na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kyinkyini asase no so, nso wonnim nea wɔrekɔ.


Odiyifo no dima

19 So ɔtow na woatow Yuda akyene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwini? Ɛdɛn nti na woabɔ yɛn na yenni ɔyaresafo yi? Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso papa bi nni hɔ; yɛhwɛ ayaresa bere kwan nso, na hwɛ, abotutu na ɛwɔ hɔ.

20 O AWURADE, yɛahu yɛn abususɛm, ne yɛn agyanom amumɔyɛ, na yɛayɛ wo bɔne.

21 Wo din nti mpa yɛn; nhura w’anuonyam agua no ho; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.

22 So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan